Ester Nhoma NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUEster nhoma a ɛwɔ Hela kasa mu yi, yɛ nea wɔkyerɛɛ ase fii Hebrifo kasa mu, na wogye too mu no nterɛwmu ne ne ntoaso. Nea esisii wɔ nhoma abien no mu nyinaa yɛ pɛ, nanso ɛtɔ mmere bi a na nsakrae kakra wɔ mu. Eyi mu bi ne din pa ahorow bi, ne ɔsom no mu denhyɛ bi. Nkekaho ahorow asia bi yi wɔn ho adi sɛ: Afa A-F wɔ saa nkyerɛase yi mu, na ɛda nhyɛnmu ne awiei foforo adi. Aban mu nhoma bi nso pue wom, na esi ɔsom nneɛma bi so dua wɔ mpaebɔ mu, ne sɛnea wonyaa mpaebɔ no ho mmuae.EMU NSƐMEster bɛyɛ ɔhemmea A. 1—2.23Haman bɔ Yudafo no ho pɔw bɔne 3.1—5.13Wɔsɛn Haman 6.1—7.10Yudafo no di wɔn atamfo so nkonim 8. 1—F.10