1Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.
2Lew 5.1 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.
3Na ɔdan dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Na ne na kaa sɛ: Oyi na mayi dwetɛ no mafi me nsam mayɛ no kronkron mama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasen no agude; enti nso mɛdan mama wo.
4Yes 40.19 Na ɔdan dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufo, na ɔde yɛɛ osenhoni ne agude, na ɛwɔ Mika fi.
5Ate 8.27 Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.
6Ate 18.1; 19.1; 21.25 Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so.
7 Ate 18.3 Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho.
8Na ɔbarima no fii Betlehem Yuda kurow no mu sɛ ɔkɔ baabiara a obenya; na n’akwantu no mu oduu Mika fi wɔ Efraim bepɔw so.
9Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mifi Betlehem Yuda, na menam, merekɔtena baabiara a menya.
10Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne ɔsɔfo, na mɛma wo dwetɛ du afirihyia ne atade biako ne w’aduan. Na Lewini no hyɛn mu.
11Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberante no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu biako.
12Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na aberante no dii no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi.
13Na Mika kaa sɛ: Afei na mahu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yiye sɛ manya Lewini a odi me sɔfo yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
