Nnwom 35 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atamfo nti ɔhwehwɛ ɔboaDawid de

1AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham,

wo ne wɔn a wɔne me ko no, nko!

2 Nnw 7.12-13 So ɔkyɛm ne nkataanim,

na sɔre bɛboa me.

3Twe peaw na siw wɔn a wɔtaa me no kwan,

ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me!

4 Nnw 40.14 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no

anim ngu ase na wɔn ani nwu,

ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no

mfa ahohora nsan wɔn akyi!

5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛwa, mframa anim,

na ma AWURADE bɔfo nsum wɔn ngu!

6Ma wɔn akwan mu nnuru sum,

na ɛnyɛ patoropatoro,

na AWURADE bɔfo ntaa wɔn!

7 Nnw 35.19 Na wɔasum me afiri wɔn amoam kwa,

na wɔatu me kra amoa kwa.

8 Nnw 9.15 Ma ɔsɛe mmefi wɔn aworaw,

na ma n’afiri a wɔasum ahintaw no nyi wɔn,

ma wɔmfa patabubu nhwe mu!

9Na me kra bedi ahurusi AWURADE mu,

na ne ho asan no, ne nkwagye mu.

10Me nnompe nyinaa bɛka sɛ:

AWURADE, hena na ɔte sɛ wo

a wugye ɔmanehunufo nea ɔyɛ den sen no nsam,

ne ɔmanehunufo ne ohiani fi ne dwowtwafo nsam.

11Adansefo nkontompofo sɔre;

ade a minnim na wobisa me.

12 Nnw 38.20 Wɔde bɔne tua me papa ka,

me kra ayɛ sɛ ayisaa.

13 Rom 12.15; Hiob 31.29 Na me de, wɔyare a, mehyɛ atweaatam,

mede mmuada mebrɛɛ me kra ase,

na mebɔɔ mpae ma ɛsan beguu me kokom.

14Meyɛe sɛnea ɔyɛ m’adamfo ne me nua,

misii me ti ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na.

15Na sɛ merekɔhwe ase nti,

wɔn ani gye na wɔbɔ tukuw,

nkwahumafo ne nnipa a minnim wɔn bɔ me so tukuw,

wɔyaw ara na wonnyae.

16 Hiob 16.9 Sɛ asatofo pɛ nkyewa ho tena di fɛw no,

wɔtwɛree wɔn se guu me so.

17 Nnw 22.20 AWURADE, wobɛhwɛ ara akosi da bɛn?

Gye me fi wɔn sɛe mu,

ne me kra fi agyata nsam!

18 Nnw 22.22 Mɛda wo ase, gua kɛse mu,

meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu.

19 Nnw 25.19; 69.4; Yoh 15.25 Mma m’atamfo atorofo no ani nnnye me ho,

mma wɔn a wɔtan me kwa no mmmu me anikyiw!

20Na wɔnka asomdwoesɛm,

na wodwen nkontomposɛm hyɛ wɔn a wodwo, asase so.

21 Nnw 40.15 Na wɔtɛɛ wɔn anom haharaa wɔ me so,

wose: Wie, wiɛ, yɛn ani ahu!

22AWURADE, woahu, mmua w’ano,

AWURADE, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri!

23 Nnw 44.23 Nyan, na sɔre bebu me atɛn,

me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bedi m’asɛm!

24AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo trenee so bebu me atɛn,

na mma wɔn ani nnnye me ho!

25Mma wɔnnka wɔn komam sɛ: Wiɛ, nea yɛpɛ ni!

Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no.

26 Nnw 35.4 Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa,

ma wɔn ani nwu, na wɔn anim ngu ase.

Wɔn a wodi me so akokurokosɛm no,

ma aniwu ne ahohora nsi wɔn adurade!

27 Nnw 40.16 Wɔn a me trenee sɔ wɔn ani no,

ma wonni ahurusi na wɔn ani nnye;

ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ,

sɛ n’akoa yiyedi sɔ n’ani.

28Na me tɛkrɛma bɛka wo trenee

ne w’ayeyi daa nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help