Adiyisɛm 19 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔsorofo di ahurusi

1 Adi 11.15 Eyinom akyi no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfo pii nne kɛse ɔsoro sɛ:

Haleluia!

Nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de;

2 Adi 16.7; 6.10; Deut 32.43 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ,

sɛ obuu aguamammɔfo kɛse

a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn,

na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so were wɔ ne nsam.

3 Yes 34.10 Na wɔkae bio sɛ:

Haleluia!

Na ne wusiw foro soro daa daa.

4 Adi 5.14; Nnw 106.48 Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se:

Amen, Haleluia!

5Na ɛnne bi fii ahengua no mu se:

Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ,

mo a moyɛ ne nkoa

ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa.

6 Adi 11.15; 11.17 Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ:

Haleluia,

efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,

ade nyinaa so tumfo no, adi hene.

7 Nnw 118.24; Adi 21.2; 21.9 Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi,

na yɛnhyɛ no anuonyam,

efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu,

na ne yere asiesie ne ho.

8 Nnw 45.13-14; Yes 61.10 Na wɔde nwera pa a

ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura.

Na nwera pa no ne ahotefo trenee.

9 Luka 14.15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.

10Adi 22.8-9; Aso 10.25-26; Adi 12.17 Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.

Ogyefo no ho anisoadehu kɛse

11 Adi 6.2; 1.5; 3.14; Yes 11.4-5 Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.

12Adi 1.14; 2.18; 3.12 Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

13Yes 63.1-2; Yoh 1.1 Na ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Onyankopɔn Asɛm.

14Adi 17.14 Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew.

15Adi 12.5; Nnw 2.9; Adi 14.19-20; Yes 63.3 Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na ɔno na otiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so.

16Adi 17.14; 1 Tim 6.15 Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.

Wɔdi aboa no ne n’asraafo no so nkonim

17 Hes 39.4; 39.17-20 Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase

18mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.

19Adi 17.12-14; 16.14; 16.16 Na mihuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako.

20Adi 13.1; 13.11-17; 20.10; Dan 7.11; 7.26 Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.

21Na wɔde nea ɔte pɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn mee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help