Nnwom 135 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn tumi ne ahoni mmerɛwyɛ

1Munyi AWURADE ayɛ.

Munyi AWURADE din ayɛ,

O! AWURADE nkoa, munyi no ayɛ,

2mo a mugyina AWURADE fi,

yɛn Nyankopɔn fi adiwo.

3Munyi AWURADE ayɛ, na AWURADE ye,

monto dwom mma ne din, na ɛyɛ fɛ.

4 Eks 19.5-6; Deut 7.6 Na AWURADE apaw Yakob afa,

ɔde Israel ayɛ ne de.

5 Nnw 86.8 Na me de, minim sɛ AWURADE so,

na yɛn wura so sen anyame nyinaa.

6Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ,

ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu.

7 Yer 10.13 Ɔma omununkum fi asase ano ba,

ɔyɛ anyinam ma osutɔ,

oyi mframa fi ne korabea.

8 Eks 12.29 Okum Misraim mmakan

fi nnipa so kosii mmoa so.

9 Nnw 78.43-52 Ɔmaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade

baa wɔ, Misraim, mfinimfini,

Farao ne ne nkoa nyinaa so.

10Ɔbobɔɔ amanaman pii,

na okum ahene atumfo:

11 Num 21.21-35 Amorifo hene Sihon,

ne Basan hene Og,

ne Kanaan ahenni nyinaa,

12 Yos 12 na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade,

ɔde yɛɛ ne man Israel agyapade.

13 Nnw 102.12 O! AWURADE, wo din wɔ hɔ daa,

O! AWURADE, wo nkae tena awo ntoatoaso nyinaa so.

14 Deut 32.36, 43 Na AWURADE bebu ne man bem,

na obehu ne nkoa mmɔbɔ.

15Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,

nnipa nsa ano nnwuma.

16Wɔwɔ ano, na wɔnkasa,

wɔwɔ aniwa, na wonhu ade,

17wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm,

na ɔhome biara nni wɔn anom.

18Wɔn a wɔyɛ wɔn,

ne obiara a ɔde ne ho to wɔn so no,

bɛyɛ sɛ wɔn ara.

19 Nnw 118.2-4 Israel fifo, munhyira AWURADE,

Aaron fifo, munhyira AWURADE.

20Lewi fifo, munhyira AWURADE,

mo a musuro AWURADE, munhyira no.

21Womfi Sion nhyira AWURADE,

mo a mote Yerusalem no,

munyi AWURADE ayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help