1 Makabe 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Makabee di ɔko anim

1YUDA Makabee sɔre dii n'agya ade.

2Na ne nuanom ne n'agya akyidifo nyinaa dii n'akyi, na wɔde mmɔdemmɔ soo Israel akokyɛm mu.

3Ɔhyɛɛ ne nkurɔfo anuonyam.

Ɔde ne nkatabo bɔɔ ne ho so, sɛ ɔkokodurufo,

na ɔde n'akode hyɛɛ n'ataa so.

ɔde ne nkrante kɔɔ ako pii,

wɔ nsraban a asraafo abɔ ho ban mpo mu.

4Na ɔte sɛ gyata a n'ani abere,

ne gyataforo a ɔhwehwɛ aboa bi akyere no.

5Otiw atuatewfo no, kyeree wɔn,

na wɔn a wɔhaw ne nkurɔfo no ɔde ogya hyew wɔn.

6Ne ho hu kaa atuatewfo no,

ahofadi nam ne so bae.

7Ne nti ahemfo pii bo hurui

nanso ne dwumadi maa Yakob ani gyei,

na wɔbɔ ne din de anigye hyira no daa.

8Ɔfaa Yuda nkurow nyinaa mu,

sɛe ɔsomhunu nyinaa fii asase no so,

na oyii Israel fii abufuw nyinaa ho.

9Ne din trɛw kɔɔ wiase afanan nyinaa nso.

10Apolonius hwehwɛɛ asraafo a wɔn mu pii fi Samaria ne amanaman so ne wɔn ko tiaa Israel.

11Yudas tee eyi no, ɔsɔre ne no kohyiaam koe, na okum no. Atamfo no mu pii wuwui, na ebi nso bɔɔ wɔn ho aguaa.

12Yuda nyaa Apolonius nkrante fii asade a wɔn nsa kae no mu, na ɛno na ɔde dii ako ne nkwanna nyinaa.

13Bere a Siria sahene Seron tee sɛ Yuda aboaboa asraafo dɔm ano, na n'akyidifo adu ɔsakɔ mfe so na wodi no ni no,

14ɔkae sɛ, mɛko atia Yuda ne n'akyidifo a wonni ɔhene mmara so no, na madi wɔn so, na me din ahyeta.

15Yudafo ahuhufo pii bɛkaa Seron dɔm no ho, ko tiaa Israel de sɛe wɔn ahomaso no.

16Bere a oduu Betoron no, Yuda ne n'asraafo kakraa bi hyiaa no,

17na wohuu asraafo dɔm sɛ wɔreba no, wobisaa Yuda sɛ: Yɛn nnipa kakraa yi bɛyɛ dɛn adi nnipa dɔm yi so? Ɛno akyi fi anɔpa yenii hwee, na ɔkɔm nso rekum yɛn.

18Yuda buae sɛ: Nnipa kakraa bi betumi adi pii no so. Na ɔsoro betumi de pii anaa ketewa bi agye nkwa.

19Nkonimdi nnyina dodow so, ahoɔden fi soro nkutoo na ɛba.

20Yɛn atamfo, a ahomaso ne basabasayɛ ahyɛ wɔn ma no, reba yɛn so, abekunkum yɛn, ne yɛn yerenom ne yɛn mma, esiane nea wobenya nti.

21nanso yɛko pere yɛn nkwa ne yɛn mmara.

22N'ankasa bɛdwerɛw wɔn afi yɛn anim, na mo de munsuro wɔn.

23Bere a owiee kasa no, mpofirim ara ɔbɔ wuraa Seron ne ne dɔm no, na owiee wɔn pasaa.

24Wɔtaa wɔn de sian Betoron bon no koduu petee mu hɔ. Wɔn mu mpem awotwe wuwui na nkae no bɔɔ wɔn ho aguaa kɔɔ Filistifo asase so.

25Enti na wosuro Yuda ne ne nuanom pa ara, na ehu kaa amanaman mufo a atwa wɔn ho ahyia no.

26Ne din koduu ɔhene hɔ, na aman aman mufo no kaa ne ko no asɛm.

Atioku nhyehyɛe

27Bere a ɔhene Antioku tee saa nsɛm yi no, ne bo fuwii pii, na ɔsoma boaboa n'ahemman no dɔm nyinaa ano. Asraafo ahoɔdenfo dɔm pii.

28Obuee n'akorade so tuaa n'asraafo no afe akatua maa wɔn, hyɛɛ wɔn sɛ: Wɔnyɛ krado mma asɛnhia biara.

29Afei ohuu sɛ sika a ɛwɔ n'korade mu asa, na nea ɛba ɔman no fotow mu sua, esiane ntawtaw ne amane a ɔno ara de aba asase no so nti, sɛ oguu mmara a atena hɔ fi teteete no.

30Na osuroe sɛ ɔrennya sika nni dwuma sɛ kan no, ne n'akyɛde a kan ɔde ma pii sen kan ahemfo no.

31Enti ɛhaw no pii, na osii ne bo kɔɔ Persia kogyigyee tow wɔ saa amantam no so nyaa sika pii.

32Ɔde Lisia a ofi adehye abusua mu no, de hwɛɛ ɔhene agyapade so fi asubɔnten Eufrate ho kosi Misraim ahye so.

33Lisia nso nhwɛ ne ba Antiokus so nkosi sɛ ɔbɛsan aba bio.

34Ɔde n'asraafo fa, ne asono no maa Lisia, na ɔhyɛɛ no nea ɔnyɛ mfa wɔn a wɔte Yudea ne Yerusalem ho.

35Ɛsɛ Lisia sɛ ɔde asraafo kɔpopa na ɔsɛe, Israel ne wɔn a aka wɔ Yerusalem no ahoɔden. Na wɔankae wɔn bio koraa wɔ hɔ.

36Na wɔde ahɔho kɔtena wɔn hɔ, na wɔbɔ wɔn asase so ntonto.

37Na Yesu wu akyi mfe ɔha aduanan no, ɔhene no faa n'sraafo mu fa, na wofii n'ahenkurow Antiokia mu, twaa Asubɔnten Eufrate kɔɔ atifi mansin no mu.

38Lisia faa Polemi a n'agya ne Dorimenes, ne Nikanor, ne Gogias, a wɔyɛ ɔhene nnamfo a wɔte apɔw.

39na ɔsomaa asraafo a wɔnam fam ɔpeduanan, ne wɔn a wɔte apɔnkɔ so mpemnsɔn kɔɔ Yuda asase so sɛ ɔnkɔsɛe no, sɛnea ɔhene ahyɛ no.

40Enti ɔne dɔm no tu kɔe na wodui no, wɔbɔɔ nsraban wɔ Emaus sare so.

41Bere a mantam no mu aguadifo tee wɔn nka no, wɔfaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, dodow a wontumi nkan, ne mpokyerɛ, na wɔkɔɔ nsraban no mu, sɛ wɔrekɔtɔ Israelfo no sɛ nkoa. Na Siria ne Filisti asraafo kaa wɔn ho.

42Na Yuda ne ne nuanom hui sɛ ɔhaw no adɔɔso, sɛ atamfo abɛbɔ mpasua wɔ wɔn man mu. Wɔte nso sɛ ɔhene ahyɛ sɛ wɔnsɛe wɔn koraa.

43Na wosee wɔn ho sɛ: Momma yɛmmɔ yɛn nkurɔfo, ne nea asɛe no ho ban, na yɛnko nnye wɔn ne kronkronbea ha.

44enti ɔman hyiae, bɔɔ ntoa, bɔɔ mpae srɛɛ ayamye ne mmɔborohunu.

45Yerusalem ada mpan a obiara nte mu sɛ sare so,

ne mma no mu biara nkɔ mma,

na wɔadwiriw w'asɔrefi

na ahɔho agye n'abankɛse no

na ayɛ amanaman mufo tenabea

anigye nni Yakob bio

atɛntɛbɛn ne asanku nnwom nni hɔ bio.

46na wɔboaboaa wɔn ho ano kɔɔ Mispa, a ɛnne Yerusalem di nhwɛnim, efisɛ kan no na Israel wɔ mpaebɔbea wɔ hɔ.

47Wodii mmuada wɔ hɔ da no, furaa ayitama, de nso guguu wɔn ti so, na wɔtetew wɔn adurade mu.

48Na wobuee mmara nhoma no mu, bisaa nsɛm a amanaman mufo taa bisabisa wɔn anyame no bi.

49Wɔde asɔfo ntade, aduankan ne ntoto so dudu no bae, na wɔkanyan wɔn a wɔapaw wɔn no nnwuma a kan ɛwɔ hɔ no.

50Na wosu frɛɛ Awurade sɛ:

Yɛbɛyɛ eyinom dɛn?

Yɛde wɔn bɛkɔ he?

51Wɔadwiriw w'asɔrefi agu ho fi

w'asɔfo anim agu ase na wosu.

52Amanaman mufo na ahyia rebɛsɛe yɛn yi.

wonim pɔw a wɔbɔ fa yɛn ho.

53Sɛ woammoa yɛn a,

yɛbɛyɛ dɛn agyina wɔn anim?

54Na wɔhyɛn trobɛnto, na wɔteɛɛm dennen

55Na eyi akyi no Yuda paw nnipa no mu mpanyimfo a wɔhwɛ mpem ɔha ne aduonum so.

56Na wɔn a wɔresisi adan, anaa wɔrebɛware, anaa wɔreyɛ mfuw, anaa wɔn koma atutu no, ɔma wɔsanee, sɛnea mmara no ka no.

57Na asraafo no tutuu anammɔn kɔbɔɔ nsra wɔ Emaus atɔe.

58Na Yuda kae sɛ: Mommɔ ntoa na monya akokoduru. Monyɛ krado anɔpahema, na mo ne amanaman mufo a abɔ tukuw sɛ wɔ ne yɛn rebɛko asɛe yɛn ne yɛn kronkronbea yi mfa nsi anim.

59Eye ma yɛn sɛ yebewuwu wɔ akono, sen sɛ yɛbɛtena ase ahwɛ yɛn man yi, ne kronkronbea no ahohora.

60Nanso sɛnea ɛbɛyɛ ɔsoro no, ebia saa ara na ɛbɛyɛ wɔ ha.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help