1Munyi AWURADE ayɛ!
Munyi AWURADE ayɛ mfi soro,
munyi no ayɛ ɔsorosoro.
2 Nnw 103.20-22 N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ,
n’asafo nyinaa, munyi no ayɛ.
3Owia ne ɔsram, munyi no ayɛ,
nsoromma a ɛharan nyinaa, munyi no ayɛ.
4Mo soro mu soro, munyi no ayɛ,
ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro so.
5 Nnw 33.9 Ma wonyi AWURADE din ayɛ,
na ɔno na ɔhyɛe
na wɔbɔɔ wɔn;
6na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa,
wahyɛ ahyɛde a obi ntra.
7Munyi AWURADE ayɛ mfi asase so,
nsuboa ahorow ne abun nyinaa.
8Ogya ne amparuwbo, sukyerɛma ne huruhurow,
ahum a ɛyɛ nea n’asɛm se:
9Mmepɔw ne nkoko nyinaa,
nnua a ɛsow ne nkyeneduru nyinaa,
10wuram mmoa ne afieboa nyinaa,
mmoa a wɔwea ne ntakraboa.
11Asase so ahene ne aman nyinaa,
atitiriw ne asase so akannifo nyinaa,
12mmerante ne mmabaa nso,
mpanyin ne mmofra:
13Wonyi AWURADE din ayɛ,
sɛ ne din nko na ɛso,
n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.
14 Nnw 132.17 Na wama abɛn so ama ne man,
ama n’ahotefo nyinaa ayeyi,
ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no.
Munyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
