2 Berɛsosɛm 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔrefi no dwira

1 1 Ah 7.51—8.11 Na wowiee adwuma a Solomon yɛ maa AWURADE fi no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinne no nyinaa besiee Onyankopɔn fi akorade no mu.

2Ɛnna Solomon boaa Israel mpanyin ne mmusuakuw no atitiriw ne Israelfo mpanyimfi mmapɔmma no ano behyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow a ɛne Sion no mu aba.

3Lew 23.34 Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ɔhene nkyɛn nnapɔnna a ɛne ɔsram a ɛto so ason no mu.

4Na Israel mpanyimfo nyinaa bae. Na Lewifo no bɛsoaa adaka no.

5Na wɔfaa adaka no ne ahyiae ntamadan no ne akronkronne a ɛwɔ ntamadan no mu nyinaa bae, Lewifo asɔfo no na wɔde foro bae.

6Na ɔhene Solomon ne Israel asafo a wobehyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkum nguan ne anantwi a wɔn dodow nti wɔantumi ankan na wɔammu ano bobɔɔ afɔre.

7Na asɔfo no de AWURADE apam adaka no baa mu de besii n’afa, ɔdan no mpiakyiri a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.

8Na kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ho mpoma no so ɔsoro.

9Na mpoma no wowaree ma wohu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyiri no anim, na wonhu adiwo hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi.

10Heb 9.4 Biribi nni adaka no mu gye abopon abien a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfo pamee bere a wofi Misraim asase so reba no.

11Na asɔfo no fi kronkronbea hɔ fii adi no, na asɔfo a wohuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyem no akyi,

121 Be 15.19; 16.37, 41-42; 25.1-7 na Lewifo nnwontofo no a wɔhyɛ Asaf, Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom ase no, nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten gyinagyina afɔremuka no apuei fam, na asɔfo ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛn ntorobɛnto.

131 Be 16.34 Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma,

142 Be 7.1, 3 na omununkum no nti asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ ɔdan no ma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help