Lewitikɔs 22 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔfo a wɔn ho agu fi nnhura akronkronne no ho

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Israelfo akronkronne ho, na wonnhura me din kronkron no ho, ade a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE.

3Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awo ntoatoaso mu ɔbarima biara a ofi mo asefo nyinaa mu a ɔbɛn akronkronne a Israelfo ayɛ no kronkron ama AWURADE, na ne fi wɔ no so no, wobetwa saa ɔkra no afi m'anim akyene. Mene AWURADE.

4Lew 15.2, 16 Aaron asefo mu ɔbarima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa nea ne ho sen no nnni akronkronne no bi kosi sɛ ne ho bɛtew; na nea ɔka ade a funu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsu afi ne mu,

5anaa obi a ɔka ade biara a ɛwea a ɛmma ne ho ntew anaa onipa a ne ho fi nti ne ho ntew no.

6 Lew 11.24-25 Ɔkra a ɔka no ho ntew kosi anwummere na onnni akronkronne no bi gye sɛ ɔde nsu aguare ansa.

7Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho tew, ɛno akyi ansa na onni akronkronne no bi, efisɛ ɛyɛ n'aduan.

8Eks 22.31 Aboa funu anaa nea wɔatetew ne mu no, onnni mmfa nngu ne ho fi. Mene AWURADE.

9Na wɔnhwɛ m'ahwɛde na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wohura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no.

10Ɔhɔho biara nnni akronkronne no bi, na nea wabɛtena ɔsɔfo bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronne no bi.

11Na sɛ ɔsɔfo bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno de, onni bi, ne nea wɔwoo no ne fi, wɔn na wonni n'aduan no bi.

12Na sɛ ɔsɔfo babea bi kɔware ɔhɔho bi a, onnni akronkronne soma afɔrebɔde no bi.

13Na sɛ ɔsɔfo babea bi yɛ okunafo anaasɛ wɔako no, na onni ba, na ɔsan ba n'agya fi sɛ ne mmofraase a, onni n'agya aduan no bi; na ɔhɔho biara de, onnni bi.

14Lew 5.16 Na sɛ obi anhyɛ da, na odi akronkronne no bi a, ɔmfa n'abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔnnan akronkronne no mma ɔsɔfo no.

15Na wonnhura Israelfo akronkronne a wɔde bɔ afɔre ma AWURADE no ho,

16Lew 22.9 na wɔmmma wɔnnsoa asodi bɔne bi wɔn akronkronne no di mu, efisɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.

17Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

18Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa Israel mu ahɔho mu a ɔde n'ayɛyɛde bɛba, wɔn bɔhyɛ ade biara anaa wɔn ayamye ade biara a wɔde rebrɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyew afɔre:

19nea ɛbɛyɛ na ɛbɛsɔ ani ama mo nti, ɛnyɛ onini a odi mu a ofi anantwi, nguanten anaa mmirekyi mu;

20Deut 15.21; 17.1; Mal 1.8 ade biara a dɛm wɔ ne ho no, mommfa mmma, efisɛ ɛrensɔ ani mma mo.

21Na obiara a ɔde asomdwoe afɔre bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n'aboade ma anaa ayamye ade a efi anantwi anaa nguan mu no, ɔmma enni mu, na ɛnsɔ ani; ennni dɛm biara.

22Nea n'ani afura, wabubu, wapira, watutu akuru a emu sen nsu anaasɛ ntwemu anaasɛ nea nsawa bi wɔ ne ho no, mommfa eyinom biara mmmrɛ AWURADE, na mommfa wɔn mu bi mmmɔ afɔremuka no so gya afɔre mmma AWURADE.

23Na nantwi anaa oguan a ne ho biribi boro so anaasɛ watɔ ape no, ayamye afɔre de, fa no bɔ, na aboade de, ɛnsɔ ani.

24Na nea wɔapɛtɛw, wɔabɔ, wɔatu, anaa wɔasa no, mommfa mmmrɛ AWURADE, na mo asase so nso monnyɛ sa.

25Na ɔnanani bi nsam nso munnnye eyinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduan, efisɛ wɔn ho aka, dɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo.

26Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

27Eks 22.30 Nantwi, oguanten anaa abirekyi, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnansɔn, na efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛde ma AWURADE gya afɔre a, ɛbɛsɔ ani.

28Deut 22.6-7 Na munnkum nantwi anaa oguan ne ne ba nyinaa da koro.

29Na sɛ mobɔ aseda afɔre ma AWURADE a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani;

30Lew 7.15 da no ara na wonni; munnnyaw bi nnkosi anɔpa: Mene AWURADE.

31Na munni me mmara nsɛm so na monyɛ. Mene AWURADE.

32Lew 22.9, 16 Na munnhura me din kronkron no ho, na wommu me kronkron Israelfo mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron.

33Me a miyii mo fii Misraim asase so sɛ merebɛyɛ mo Onyankopɔn. Mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help