1
7Me man, muntie, na merebɛkasa;
Israel tie, na merebedi wo adanse:
Me, Nyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.
8 Yes 1.11 Ɛnyɛ wo kum afɔre nti na mɛka w’anim,
na wo hyew afɔre wɔ m’anim daa yi.
9Meremfa wo fi mu nantwinini,
wo nguannan mu mpapo,
10efisɛ kwae mu mmoa nyinaa wɔ me,
mmepɔw apem so mmoa.
11Minim mmepɔw so ntakraboa nyinaa,
na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ.
12Sɛ ɔkɔm de me a, anka merense wo,
na wiase ne ne mayɛ wɔ me.
13So midi anantwinini nam?
Na menom mpapo mogya?
14Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre,
na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no,
15 Nnw 81.7; 91.15; Hiob 22.27 na frɛ me hiada mu,
na megye wo na woahyɛ me anuonyam.
16 Rom 2.21-23 Na ɔbɔnefo de, Onyankopɔn se no sɛ:
Adɛn nti na woka m’ahyɛde
na wode w’ano bɔ m’apam din,
17na wo koro yi ara wukyi animka
na wotow me nsɛm gu w’akyi?
18 Efe 5.11 Sɛ wuhu owifo a, wopɛ n’asɛm,
na wo ne awaresɛefo bɔ.
19Wugyaa w’ano mu kɔ bɔne mu,
na wo tɛkrɛma toatoa nnaadaasɛm.
20Wotena ase ka wo nua ho nsɛm,
wo na ba mpo, wosopa no.
21 Nnw 73.11 Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti,
wususuw sɛ mete sɛ wo ara,
mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.
22Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ,
na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ.
23Nea ɔde aseda bɔ afɔre no hyɛ me anuonyam,
na ɔbɔ ɔkwan a mekyerɛ no Nyankopɔn nkwagye wɔ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
