1Mommra mma yɛnto anigye dwom mma AWURADE,
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye botan.
2Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,
na yɛmfa nnwom nni ahurusi mma no.
3 Nnw 96.4 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛse
ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so.
4Ne nsam na asase mu ahintade wɔ,
na mmepɔw so srɔnsrɔn nso wɔ no.
5Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛe,
na asase kesee nso, ne nsa na ɛnwenee.
6Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre AWURADE,
yɛn yɛfo anim.
7 Nnw 100.3; Yoh 10.27-28; Heb 3.7; 4.7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,
na yɛn de, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfo
ne ne nsam nguan.
Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!
8Monnyɛ mo koma dennen sɛ Meriba,
sɛ Masa da no, sare so hɔ,
9 Eks 17.2, 7 bere a mo agyanom gyigyee m’ano,
na wɔsɔɔ me hwɛe no,
nanso wɔanya me nnwuma nhui.
10Mfe aduanan na awo ntoatoaso no ho yɛɛ me ahi,
na mekae sɛ: Ɔman a wɔfom komam ne wɔn.
Na wɔn de, wɔanhu m’akwan.
11 Num 14.22-23 Na ɛma mekaa m’abufuw mu ntam,
sɛ wɔrennu me home mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
