1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Eks 23.31 Hyɛ Israelfo no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu Kanaan asase no so a, eyi ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapade, Kanaan asase no sɛ n'ahye te.
3Yos 15.1 Mo anafo fam nkyɛn mu mfi Sin sare so Edom nkyɛn mu; na mo anafo fam hye mfi Nkyene-Po awiei wɔ apuei;
4na mo hye no mmra Akrabim aforoe anafo fam, na entwam nkɔ Sin, na emfi ha nkɔ Kades-barnea anafo fam, na emfi nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon.
5Na ɔhye no nkɔntɔn mfi Asmon nkɔ Misraim subon no mu, na ano nkɔpem po no ano.
6Na atɔe fam hye no de, ɛpo kɛse a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɔhye; ɛno na ɛnyɛ mo atɔe fam hye.
7Na eyi nyɛ mo atifi fam hye: Mumfi po kɛse no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔw,
8na mumfi Hor bepɔw ho nkari nea wɔfa kɔ Hamat, na ɔhye no ano nkɔpem Sedad.
9Na ɔhye no mfi hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; eyi na ɛnyɛ mo atifi fam hye.
10Na monkari apuei fam hye mfi Hasar-enan nkɔ Sefam;
11Luka 5.1 na ɔhye no mfi Sefam nsian nkɔ Ribla, Ain apuei, na ɔhye no nsian ara nkɔpem Kineret po no kɔn so, apuei.
12Na ɔhye no nsian nkodu Yordan, na ano nkɔpem Nkyene-Po ano. Eyi ne mo asase no sɛnea ɛho ahye te.
13Na Mose hyɛɛ Israelfo no sɛ: Eyi ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛmu nni so a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuw akron ne fa no.
14Deut 32.33 Na Ruben mma abusuakuw, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Gad mma abusuakuw, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn kyɛfa.
15Mmusuakuw abien ne fa abusua no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apuei.
16Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
17Yos 14.1; 21.1; Deut 1.38 Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din ni: ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua.
18Na munyiyi mmusuakuw nyinaa mu mmapɔmma mmiako mmiako, na wɔnkyɛ asase no mu.
19Num 13.6, 30 Mmarima no din ni: Yuda abusuakuw mu: Yefune ba Kaleb;
20Simeon abusuakuw mu: Amihud ba Semuel;
21Benyamin abusuakuw mu: Kislon ba Elidad;
22Dan mma abusuakuw mu bapɔmma: Yogli ba Buki;
23Yosef mma no de: Manase mma abusuakuw mu bapɔmma: Efod ba Haniel;
24Efraim mma abusuakuw mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel;
25Sebulon mma abusuakuw mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan;
26Isakar mma abusuakuw mu bapɔmma: Asan ba Paltiel;
27Aser mma abusuakuw mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud;
28Naftali mma abusuakuw mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel.
29Eyinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfo no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
