Nnwom 63 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn ho anigyinaDawid dwom. Ɔwɔ Yuda sare so no, na ɔtoe

1 1 Sa 22.5; 23.14; 24.1; Nnw 42.2; 143.6 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn,

mehwehwɛ wo anɔpahema,

wo ho sukɔm de me kra,

me honam agurow pɛ wo hɔ biribi,

asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so.

2Ne saa na mehwɛɛ wo wɔ kronkronbea hɔ,

sɛ mehu wo tumi ne w’anuonyam.

3Na w’adɔe ye sen nkwa,

mede m’ano meyi wo ayɛ.

4Ne saa na mete ase yi mehyira wo,

wo din mu na mɛma me nsa so.

5Ɛbɛmee me kra sɛ hon ne srade,

na mede ahosan mu anotew meyi wo ayɛ.

6Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a,

medwen wo ho, adasu mu.

7Na woayɛ me boafo,

na wo ntaban ase nwini mu midi ahurusi.

8Me kra bata wo ho di w’akyi,

wo nsa nifa so me mu.

9Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no

besian akɔ asase ase tɔnn.

10Wɔde wɔn bɛto afoa ano,

wɔbɛyɛ sakraman de.

11Na ɔhene de, n’ani begye Onyankopɔn ho;

obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehye ne ho,

na wobemua wɔn a wodi atoro ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help