Efesofo 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Monnɔ mo ho sɛ mo soro Agya no dɔ mo no

1 Mat 5.48 Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,

2Efe 5.25; Gal 2.20; Heb 10.10 na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.

Bɔne a esiw kwan

3 Kol 3.5 Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo.

4Efe 4.29 Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

51 Ko 6.9-10 Efisɛ munim dedaw sɛ aguamammɔfo biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.

Nkontaabu

6Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so.

7Enti mo ne wɔn nnni twaka.

Esum ne hann

8 Efe 2.11; 2.13; 1 Pe 2.9; Luka 16.8; Yoh 12.36 Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma,

9efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu,

10Efe 5.17; Rom 12.2 na monsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ.

11Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom mompa ho ntama!

12Rom 1.24 Efisɛ nneɛma a wohintaw yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo.

13Yoh 3.20-21 Na nneɛma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; efisɛ nea woyi adi nyinaa yɛ hann.

14Yes 60.1; Rom 13.11 Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.

Asetena pa ho afotu

15 Mat 10.16; Kol 4.5 Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo.

16Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.

17Efe 5.10 Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye.

18Luka 21.34 Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.

19Kol 3.16; Nnw 33.2-3 Momfa sanku ho nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sanku mo koma mu mma Awurade,

20monna Agya Onyankopɔn ase daa ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu,

211 Pe 5.5 mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu mu.

Ɔyerenom

22 Gye 3.16; Kol 3.18; 1 Pe 3.1 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade,

231 Ko 11.3 efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.

24Na sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.

Okununom

25 Kol 3.19 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no,

26Tito 3.5 sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron,

27Nnw 45.13; 2 Ko 11.2 na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.

28Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho.

29Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.

30Efe 1.23; 1 Ko 6.15; Gye 2.23 Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.

31Gye 2.24 Eyi nti na onipa begyaw n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro.

32Ahintasɛm yi so, na me de, meka no Kristo ne asafo no ho.

33Nanso mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ommu ne kunu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help