Yudit 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nebukadnesar ne Arfaksad ntam ɔko

1Nebukadnesar ahenni mu, afe a ɛto so dumien no, a na odi hene wɔ Asiria ahenkurow kɛse Niniwe mu no, na Arfaksad nso wɔ Ekbatana di hene wɔ Medefo so.

2Ɔde abo a wɔatwitwa no basafa biako ne fa ne trɛw mu, na basafa abiɛsa ne tenten mu; na ɔtoo afasu no basafa aduasa anum ne korɔn mu na basafa aduonum anum ne tɛtrɛtɛ mu wɔ Ekbatana ho hyiae.

3Na ɔtoo abantenten wɔ aponkɛse no ho a ne korɔn yɛ basafa aduonum na ne trɛw nso yɛ basafa aduasa wɔ fapem no mu.

4Ɔyɛɛ n’aponkɛse a ne korɔn yɛ basafa aduasa anum, na ne terɛw yɛ basafa aduonu, sɛnea ɛbɛyɛ na n'asraafo betumi abɔ nsra, na n'asraafo a wɔnam anammɔn mu betumi ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn dibea mu.

5Saa nna no mu no, ɔhene Nebukadnesar tuu sa wɔ ɔhene Arfaksad so wɔ petee kɛse a ɛda Ragae mmepɔw so no so.

6Nkurɔfo a wɔwɔ nkoko aman no so no bɛkaa ne ho, ne wɔn a wɔdeda Eufrate asukɔn so nyinaa, ne Tigris ne Hadaspes, ne petee no mufo, beae a Ariok di hene wɔ Elemaefo so no, aman dodow no ara bɛkaa Kaldea asraafo no ho.

7Akyiri yi Nebukadnesar, Asiriafo hene no, somae kosee wɔn a wɔwɔ Persia nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ atɔe fam nyinaa, wɔn a wɔwɔ Silisia ne Damasko, Lebanon ne Antilebanon ne wɔn a wɔdeda mpoano mmew so no,

8wɔn a wɔwɔ Karmel ne Gilead aman mufo, wɔn a wɔte Galilee atififam ne Esdraelon petee kɛse no so,

9wɔn a wɔwɔ Samaria nyinaa ne nkurow a wɔatwa ho ahyia no, wɔn a wɔdeda Yordan akyi de kodu Yerusalem, Betani, Kelous, Kades ne Misraim asuten no ho, Tafanes, Raamses ne Goshen, asase no sofo nyinaa,

10mpo ɛtra Tanis ne Memfis, ne wɔn a wɔwɔ Misraim de kɔ ara kɔpem Etiopia ahye so.

11Nanso wɔn a wɔwɔ amantam no mu hɔ nyinaa ammu Nebukadnesar, Asiriafo hene no, na wɔampɛ sɛ wɔne no bɛkɔ ɔko no; efisɛ na wosuro no, nso wobuu no sɛ onipa baakofo, na wɔpam ne somafo no na ɔde nsapan ne animguase kɔe.

12Nebukadnesar nso bo fuw saa aman no nyinaa, na ɔkaa n'ahenni ne n'ahengua ho ntam sɛ ɔbɛtɔ aman Silisia, Damasko ne Siria nyinaa so were, na ɔde nkrante bekum wɔn a wɔwɔ Moab asase so nyinaa ne nkurɔfo a wɔwɔ Amon ne Yudea nyinaa, ne obiara a ɔwɔ Misriam, de kosi po abien no mpoano.

Wodi Arfaksad so nkonim

13Afe a ɛto so aduɔsɔn no mu, ɔde ne dɔm tuu sa wɔ Arfaksad so na ɔkaa wɔn gui wɔ ɔko no mu, na ɔbɔɔ Arfaksad asraafo nyinaa, n'apɔnkɔsotefo asraafo ne wɔn nteaseɛnam nyinaa gui.

14Ɛnam eyi so na ɛmaa ne nsa kaa nkurow no, na ɔbaa Ekbatana bɛgyee n'abantenten, kɔfom ne gua so nneɛma, na ɔdan n'anuonyam yɛɛ animguase.

15Ɔkyeree Arfaksad wɔ Ragae mmepɔw no so na ɔde peaw wɔɔ no ma owui; na ɔsɛe no koraa.

16Akyiri yi ɔfaa Niniwe, ne n'asraafo dɔm no nyinaa nnommum, wɔyɛ asraafodɔm dɔm pa ara; na ɛhɔ na Nebukadnesar ne n’akofo no kɔhomee na wɔtoo pon didii, nomee nna ɔha aduonu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help