2 Berɛsosɛm 30 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Twam afahyɛ no ho ahosiesie

1 2 Be 35.1 Na Hesekia soma kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔkyerɛw nhoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fi Yerusalem, na wommedi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.

22 Be 30.15 Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne bagua no nyinaa tuu agyina Yerusalem sɛ wobedi Twam ɔsram a ɛto so abien no so.

3Na wɔantumi anni bere no mu, efisɛ asɔfo no nnya nyɛɛ wɔn ho kronkron mma ɛnnɔɔso ɛ, na ɔman no nso nnya mmoaa wɔn ho ano Yerusalem ɛ.

4Na nhyehyɛe no sɔɔ ɔhene ne bagua no nyinaa ani.

5Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae Israel nyinaa mu mfi Beer-seba nkosi Dan, sɛ wɔmmra mmedi Twam mma AWURADE, Israel Nyankopɔn, wɔ Yerusalem, efisɛ wɔmmɔɔ mu nnii no sɛnea wɔakyerɛw no.

6Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.

7Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfom AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛe ade, sɛnea mo ara muhu yi.

8Afei munnsinsen mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nsa mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekosi daa no, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyew no mfi mo ho nkɔ.

9Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborohunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no anim, na wɔasan aba asase yi so bio, na ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.

10Ɛnna asomafo no, sen fii kurow mu kɔɔ kurow mu, Efraim ne Manase asase so de kosii Sebulon tɔnn. Na wɔsereserew wɔn na wodii wɔn ho fɛw.

11Nanso ebinom a wofi Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem.

12Na Onyankopɔn nsa baa Yuda nso so sɛ ɔrema wɔn koma koro sɛ wonni ɔhene ne asafohene no ade a wɔde AWURADE asɛm hyɛe no so.

13Na nkurɔfo bebree boaa wɔn ho ano Yerusalem sɛ wobedi apiti nnapɔnna no ɔsram a ɛto so abien no so, bagua kɛse pa ara.

14Na wɔsɔre yiyii afɔremuka a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhuamhyew ade no nyinaa nso woyi kɔtow guu Kidron subon mu.

15Num 9.11 Ɛnna wokunkum Twam guan no ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui, na wɔyeyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔde ɔhyew afɔre baa AWURADE fi.

162 Be 29.34 Na wokogyinagyinaa wɔn agyinae, sɛ wɔn atɔremude no te, Onyankopɔn nipa Mose mmara no mu. Na asɔfo no gyee mogya no Lewifo no nsam de petee.

17Efisɛ nnipa bebree wɔ bagua no mu a wonnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifo no de Twam guan no kum ara na wokum ma wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.

18Eks 12 Na ɔman no mu dodow, nnipa bebree a wofi Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon, annya annwira wɔn ho, na wodii Twam no, nso ɛnyɛ sɛnea wɔakyerɛw no. Nso Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na ɔkae sɛ: AWURADE a wuye, fa kyɛ

19obiara a wasiesie ne koma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so mpo a.

20Na AWURADE tiee Hesekia, na ɔsaa ɔman no yare.

21Na Israelfo a wohuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnansɔn anigye kɛse mu, na Lewifo ne asɔfo no de AWURADE asanku no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa.

222 Be 32.6 Na Hesekia kaa Lewifo a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wodii afahyɛ afɔrebɔde no nnansɔn, na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

23Na bagua no nyinaa tuu agyina, sɛ wobedi nnansɔn foforo nso, na wɔde anigye dii nnansɔn no bio.

242 Be 35.7 Na ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nguan mpemnsɔn maa bagua no, na mmapɔmma no nso yii anantwi apem ne nguan ɔpedu maa bagua no. Na asɔfo bebree yɛɛ wɔn ho kronkron.

25Na Yuda bagua no nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ne asafo a wofi Israel bae no nyinaa nso, ahɔho a wofi Israel asase so bae no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyei.

26Na anigye bebree a efi Israel hene Solomon, Dawid ba no bere so, ɛmaa saa da Yerusalem, baa Yerusalem.

27Ɛnna asɔfo ne Lewifo no sɔree na wohyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duu ne tenabea kronkron ɔsoro.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help