Adiyisɛm 17 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Oguamanfo kɛse no ne aboa no

1 Adi 15.1 Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguamammɔfo kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu.

2 Adi 14.8; 18.3 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no.

3 Adi 13.1 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.

4Hes 28.13; 28.16; Yer 51.7 Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa a akyide ne n’aguamammɔ fi ayɛ no ma.

52 Te 2.7; Adi 14.8; 16.19; Dan 4.30 Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babel kɛse no, asase so nguaman ne akyide.

6 Adi 18.24 Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.

7Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no.

8Adi 13.1-2; 13.3; 3.5 Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.

9Adi 13.18; 13.1 Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahemfo baasɔn.

10Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.

11Adi 17.8; 19.20 Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.

12 Adi 13.1; Dan 7.20; 7.24 Na mmɛn du a wuhui no ne ahemfo du a wonnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew biako.

13Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.

14Adi 19.16; 19.14 Eyinom ne Oguammaa no bɛko, na Oguammaa no bedi wɔn so nkonim, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene, ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wodi no nokware no.

15 Adi 17.1; Yes 8.7; Yer 47.2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu a wuhui a oguamammɔfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow.

16Adi 17.12-13; 18.8 Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan oguamammɔfo no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.

17Adi 10.7 Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du.

18Adi 18.10 Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahemfo so hene no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help