1 Nnw 38.1 Onyankopɔn, begye me,
AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.
2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu,
na wɔn anim ngu ase,
ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi
na wɔnnan ahohorafo.
3Wɔn a wose, “Wiɛ, wiɛ” no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.
4Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi,
na wɔn ani nnye wo ho,
na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka daa sɛ:
Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.
5Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani.
Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me.
Wone me boafo ne me gyefo,
AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
