Nnwom 96 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asase nyinaa wura no ayeyi(1 Berɛsosɛm 16.23-33)

1 Nnw 33.3 Monto dwom foforo mma AWURADE,

asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE.

2Monto dwom mma AWURADE,

munhyira ne din,

monka ne nkwagye da biara da.

3Monka n’anuonyam, amanaman mu,

n’anwonwade, aman nyinaa mu.

4Na AWURADE yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ,

ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,

5na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw,

na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.

6Ɔharan ne anuonyam wɔ n’anim,

tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ.

7Aman mmusuakuw, momfa mma AWURADE

momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE.

8 Nnw 72.10 Momfa AWURADE din anuonyam mma no,

monsoa ayɛyɛde mmra n’abangua so.

9Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu,

asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.

10 Nnw 93.1 Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene,

na wiase tim hɔ a ɛrenhim,

na obedi aman so, trenee mu.

11 Nnw 98.7-9; Yes 49.13 Ma Ɔsoro ani nnye na asase ho asan no,

Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo.

12Ma Petee mu ne nea ɛwom nyinaa nni ahurusi,

ɛno na kwae mu nnua nyinaa bɛto ahosan nnwom,

13 Aso 17.31 Wɔ AWURADE anim, na ɔreba,

na ɔreba abebu asase atɛn.

Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu,

ne amanaman, ne nokware mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help