Nyansa 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhene Solomon te sɛ onipa dasani biara

1Me nso mete sɛnea nnipa nyinaa te,

meyɛ abakan a wɔbɔɔ no fii dɔte mu no aseni;

wɔnwenee me wɔ ɔbea yafunu mu maa meyɛɛ honam

2abosom du mu na wɔde

mogya nwenee me,

fi ɔbarima aba mu ne

aware anigye mu.

3Na bere a wɔwoo me no, na mehomee mframa yi bi

na mebɛbɔɔ asase yi so abusua,

na midii kan sui,

sɛnea nnipa nyinaa yɛ ara.

4Wɔhwɛɛ me yiye dannan me

wɔ mpasotam mu,

5esiane sɛ, ɔhene biara nni,

ahyɛase foforo bi;

6Adasamma nyinaa kwan ba wiase no yɛ baako,

na ɔkwan biako so na wɔfa pue fi mu.

Solomon pɛ Nyansa

7 1 Ah 3.6-9; Nya 9.1-18 Ne saa nti mebɔɔ mpae,

na wɔdom me ntease;

mesrɛɛ AWURADE na nyansa

honhom baa me so.

8Mepɛɛ ɛnonom kyɛn akofena ne ahengua,

sɛ mede toto ho a

na ahonya yɛ ɔkwa,

9Nso mamfa no antoto bota a

ɛsom bo kɛse biara ho,

esiane sɛ sika nyinaa yɛ anwea

nketenkete wɔ n’anim,

na wobebu dwetɛ sɛ dɔte

wɔ n’anim.

10Mepɛɛ ɛnonom kyɛn apɔwmuden ne ahoɔfɛ,

na mepɛe sɛ menya ɛno akyɛn

sɛ menya hann,

esiane sɛ ne hyerɛn ntwam da.

11Nnepa nyinaa nam ɛno so baa me hɔ,

na ne nsam ahonya mmoroso.

12Midii ne nyinaa mu ahurusi,

efisɛ nyansa di ne nyinaa kan;

mmom na minnim

sɛ sɛɛ na nyansa ne mu kɛse.

13Misuaa no yiye a adwene foforo bi nka ho

na mamfa ho kyerɛkyerɛ ahintaw

14Ɛyɛ agyapade a ma adasamma

wɔn a wɔn nsa ka no

nya AWURADE hɔ ayɔnkofa,

wɔkamfo saa kyerɛkyerɛ no sɛ akyɛde

Solomon bɔ mpae srɛ Nyansa

15Onyame mma mennwen asɛm ho yiye ansa na maka

na minnya adwene a ɛfata nea me nsa aka no,

efisɛ ɔno na ɔkyerɛ nyansa mpo kwan

na ɔteɛteɛ onyansafo.

16Efisɛ yɛn ne yɛn nsɛm nyinaa wɔ ne nsam,

sɛnea ntease ne adwinni

ne nsaanodwuma nyinaa wɔ ne nsam no.

17Efisɛ ɔno na ɔmaa me nimdeɛ pa

wɔ abɔde nyinaa ho

sɛ minhu wiase no bɔbea

ne wim nneɛma nso dwumadi

18ne mmere ahyɛase ne n’awiei ne ne mfinimfini

ne mmere mu adannan

19afe kɔ ne ba ne nsoromma sibea.

20mmoadoma su ahorow ne nea ɛma wuram mmoa yɛ nea wɔnyɛ,

tumi a ahonhom wɔ ne nnipa adwentoatoa,

nnua ahorow ne nnepa a ɛwɔ

nnua ntini mu;

21Misua huu nea ɛyɛ ahintasɛm ne nea ɛwɔ petee mu,

22ɛyɛ nyansa a ɔbɔɔ ade nyinaa no na ɔkyerɛkyerɛɛ me.

Honhom bi wɔ ne mu a,

ɛyɛ nyansa, kronkron,

sonowonko, ɛdɔɔso, ɛyɛ den sɛ wɔkyerɛ mu,

ennyina faako, emu da hɔ fann, na ɛyɛ kronnyen,

ɛda nsow, wontumi nsɛe no,

ɔdɔ nea eye, n’ani ku ade ho,

ɔyɛ ɔbotantim,

23ɔyamyefo, ɔwɔ mmɔborohunu su,

ɔyɛ ɔseadeɛyɔ, osi pi, kɔdaanna bi nna no so,

ade nyinaa so tumfo, ɔbɔ ade nyinaa ho ban,

ɔwɔ ahonhom nyinaa so tumi

wɔyɛ abadwemma, a nkekae bi nni wɔn ho

na wɔyɛ anitewfo mapa.

24efisɛ nyansa ntena faako

esiane ne hann nti

ɛhyɛn baabiara;

25Efisɛ ɔyɛ ahonhom nyinaa so tumfo,

na ade a ɛho ntew biara ntena n'anim.

26Ɔyɛ daa nkwa hann sɛso,

ɔte sɛ ahwehwɛ a AWURADE hwɛ ne mu yɛ adwuma,

ɔne papayɛ ho nhwɛso.

27Mpo sɛ ɔyɛ obiakofo mpo a,

otumi yɛ ade nyinaa,

na bere a ɔnsesa no, ɔyɛ nneɛma nyinaa foforo;

awo ntoatoaso biara mu owura akra a wɔyɛ kronkron mu

na wɔayɛ Onyankopɔn nnamfo, ne adiyifo;

28esiane sɛ Nyankopɔn nnɔ biribiara nkyɛn

onipa a ɔwɔ nyansa.

29Esiane sɛ no ho hyerɛn kyɛn awia,

na ɔkyɛn nsoromma biara nti,

wɔde no to hann ho a,

ɔkyɛn wɔn nyinaa,

30esiane sɛ anadwo ka hann hyɛ nti,

nanso nyansa de, bɔne ntumi nni no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help