Hiob 39 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmoadoma di Onyankopɔn nyansa ho adanse

1So wunim abotan so mmirekyi awo bere,

na aforote awoko nso, wowɛn?

2Wokan asram a wɔn afuru de nyin,

na wunim bere a wɔde wo anaa?

3Wɔkotow wowo wɔn mma,

wɔtow wɔn awoyaw kyene,

4wɔn mma ho kokwaw, wonyin wuram,

wofi kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn.

5Hena na ogyaa sare so afurum sɛ ɔnne ne ho,

na afurum kakatefo nhama, hena na ɔsan?

6Nea mede sare pradada mayɛ ne fi,

na mede nkyene asase mayɛ ne tenabea.

7Ommu kurow mu gyegyeegyeyɛ,

ɔnte ɔkafo ateɛteɛ.

8Nea onya mmepɔw so no ne n’aduan,

na ɔpɛ ade biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.

9So okoo bɛpene sɛ ɔsom wo,

anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho?

10So wode hama bɛsa okoo, mfɛtɛwee ka ho,

anaasɛ ɔbɛtwe abon mu mfɛtɛwee so adi w’akyi?

11So n’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto no so,

na woagyaw w’adwuma ama no anaa?

12So wubegye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba,

na waboa ano de aba wo san so?

13Sohori bɔ ne ntaban mu ahurusidi mu,

ɛyɛ asukɔnkɔn ntakra ne ne ntakra anaa?

14Mmom ogyaw ne nkesua ma asase,

na mfutuma so na ɔma ɛho dɔ,

15na ne werɛ fi sɛ ɛnan bɛpɛtɛw,

anaasɛ wuram mmoadoma bɛbobɔ.

16Ɔbɔ ne mma atirimmɔden sɛnea wɔnyɛ ne de,

ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso onsuro,

17efisɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no,

na wankyɛ no nhumu.

18Na sɛ ɔyere ne ho tu a,

ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.

19So wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ?

Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn?

20So wo na woma ohuruw sɛ mmoadabi?

Ne home foofoo denyɛ yɛ hu.

21Ɔtwerɛtwerɛw obon mu,

na odi n’ahoɔden ho ahurusi,

ofi kohyia akofofo a wɔamia.

22Ɔserew ehu, na ne ho mpopo,

na ɔnsan mfi afoa anim.

23Agyan boha wosow no so,

peaw ne pɛmɛ a etwa nyinamnyinam nso.

24Ɔde anibere ne abufuw twerɛtwerɛw asase,

na torobɛnto hyɛn a, onnyina bio.

25Torobɛnto hyɛn a, ɔka sɛ: Wiɛɛ!

Na ɔte ɔko hua wɔ akyirkyiri,

asafohene nteɛm ne osebɔ no.

26So wo nhumu so na ɔsansa nam tu?

Ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ anafo asase.

27Anaasɛ w’anom asɛm so na ɔkɔre ma ne ho so,

na ɔyɛ ne berebuw nea ɛkorɔn?

28Ɔbotan mu na ɔte na ɔda,

ɔbotan ano hwirenhwiren ne ahwɛe sorɔnsorɔn so,

29ɛhɔ na ofi hwehwɛ aduan,

n’aniwa hwɛ ade akyirikyiri.

30 Hab 1.8; Mat 24.28 Na ne mma few mogya,

na nea atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help