Nnwom 150 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nea ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ!

1Munyi AWURADE ayɛ!

Munyi Nyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea,

munyi no ayɛ, ne tumi mu wɔ soro.

2Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu,

munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛso no te.

3Munyi no ayɛ ntorobɛnto nne so,

munyi no ayɛ bɛnta sanku ne sankuten so.

4Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so,

munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so.

5Munyi no ayɛ nsammɔ nnawuru a ɛnne so so,

munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so.

6 Nnw 41.13; Adi 5.13 Momma nea ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ.

Munyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help