1 Mat 4.12-16 Nanso kusuuyɛ no rentena nea ahoguan no wɔ no; kan bere no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyiri no, ɔbɛhyɛ no anuonyam, ɛpo kwan, Yordan agya, amanaman Galilea no.
2 Luka 1.79 Ɔman a wɔnam sum mu
hu hann kɛse,
wɔn a wɔte sum kabii asase so no,
hann aharan wɔn so.
3Woama ɔman no mufo adɔɔso,
woama n’anigye so,
wɔn ani gye w’anim
sɛ twabere mu anigye,
sɛnea wodi asadekyɛ mu ahurusi.
4 Ate 7.22 Na wɔn adesoa dua
ne wɔn mmati akyi abaa
ne wɔn kafopoma no,
woabubu mu sɛ Midian da no.
5Na ɔko kitikitiyɛ mu akofo mpaboa nyinaa
ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no,
wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya.
6 Yes 7.14; 22.22; Mika 5.2; Luka 2.7, 11; Yes 10.21 Na wɔawo akokoaa ama yɛn,
wɔama yɛn ɔbabanin;
na n’ahenni bɛda ne mmati so,
na wɔafrɛ ne din sɛ:
Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo,
Daa agya, Asomdwoe hene;
7 Yes 11; Nnw 72.3-4; 2 Sa 7.12-13; Luka 1.32 na n’ahenni mu bɛtrɛw,
na asomdwoe a enni awiei aba,
Dawid ahengua so ne n’ahenni so,
na ɔde atemmu ne trenee
awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa.
Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.
Israel ho atemmu8Awurade de asɛm bi akra Yakob,
na aduru Israel so,
9sɛ ɔman mu no nyinaa nhu,
Efraim ne Samariafo
a wɔde ahantan ne ahomaso ka sɛ:
10Ntayaa agu fam,
na yɛde abo a wɔatwa bɛto;
wɔatotow ankye agu,
na yɛde nkyeneduru besi ananmu.
11Na AWURADE bɛma Resin ahohiafo so ahyɛ no,
na wahwanyan n’atamfo:
12 Yes 9.17; 5.25 Siriafo wɔ apuei, na Filistifo wɔ atɔe,
na wɔbɛtɛɛ wɔn anom amene Israel.
Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ,
na ne nsa ateɛ ara.
13Na ɔman no ansan amma nea ɔhwee wɔn no nkyɛn,
na asafo AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ.
14 Yes 10.33 Enti AWURADE betwa Israel mu,
eti ne dua akyene,
berɛw ne mmɛw da koro.
15Mpanyin ne anuonyamfo ne eti,
na odiyifo atorokyerɛfo ne dua.
16Na ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom,
na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.
17 Yes 9.21 Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye,
na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho,
na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo,
na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm.
Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ,
na ne nsa ateɛ ara.
18Na abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya,
ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe
na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu
ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro.
19Asafo AWURADE abufuhyew nti
na asase no ahyew tumm,
na ɔman no ayɛ sɛ ade a wɔde sɔ gya;
obi nkora ne nua so.
20Na wohwim di, nifa so, nanso ɔkɔm de wɔn ara,
na wodidi benkum so, nanso wɔmmee,
wɔwewe wɔn ara nsa ho nam.
21 Yes 10.4 Manase we Efraim, na Efraim we Manase,
na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda.
Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ,
na ne nsa ateɛ ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.