Amos 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Kronkronbea no sɛe

1Mihuu AWURADE sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae sɛ:

Bɔ atifi pɔw no ma apongua nwosow,

na buruw gu wɔn nyinaa atifi!

Na akyirikafo no, mede afoa mekunkum wɔn;

oguanfo renguan mma wɔn,

na mfimufo remfi mu mma wɔn.

2 Nnw 139.8 Sɛ wofunu kɔ asaman a,

me nsa bɛfa wɔn afi hɔ aba,

na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a,

mede wɔn mefi hɔ masian;

3na sɛ wokohintaw Karmel atifi koraa mpo a,

mɛtwe wɔn makɔfa wɔn mafi hɔ;

na sɛ wofi m’anim kohintaw ɛpo ase mpo a,

ɛhɔ na mɛhyɛ po mu wɔ na wakeka wɔn;

4 Yer 44.11 na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu,

wɔn atamfo anim a,

ɛhɔ na mɛhyɛ afoa na akunkum wɔn,

na mede m’ani mɛhwɛ wɔn

mama bɔne na ɛnyɛ papa.

5 Amos 8.8 Na AWURADE, asafo AWURADE,

ne nea ɔka asase ma ɛnan

na ɛsofo nyinaa di nkɔmmɔ,

na ne mu no nyinaa yiri sɛ Nil,

na ɛtwe sɛ Misraim asu Nil.

6 Amos 5.8 Osi ne nsɛmso ɔsoro,

na ɔhyɛ ne kuntun ase, asase so,

ɔfrɛ po mu nsu na ohwie gu asase ani,

AWURADE ne ne din.

7 Deut 7.7; Yer 47.4 So monyɛ me sɛ Etiopiafo,

mo Israel mma anaa?

AWURADE asɛm ni.

So ɛnyɛ Israel na miyii no fii Misraim asase so,

na Filistifo nso fi Kaftor,

na Siriafo nso fi Kir?

8Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn aniwa sa bɔne ahenni no,

na mɛsɛe no afi asase ani,

nanso ɔsɛe no meremfa mensɛe Yakob fi no koraa,

AWURADE asɛm ni.

9Na hwɛ, mɛhyɛ

na masɔn Israel fi so amanaman nyinaa mu,

sɛnea wɔsɔn ade so sɔnee mu,

nanso awifua rentɔ fam.

10 Amos 6.3 Afoa ano na me man mu nnebɔneyɛfo nyinaa bewuwu,

wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.

Daakye nkwagye bere

11 Aso 15.16-17 Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina,

na mapompam wɔn mpaepae no,

na magyina n’afasusin,

na mato no sɛ tete nna no.

12Na wɔafa Edom nkae adi,

ne amanaman a wɔbɛbɔ me din afrɛ wɔn no nyinaa;

AWURADE a ɔyɛ eyinom asɛm ni.

13 Lew 26.5; Yoel 3.18 Hwɛ, nna bi reba,

AWURADE asɛm ni,

sɛ nea ɔfɛntɛm bɛka nea otwa,

na nea otiatia obobe aba so

bɛka nea ogu awi,

na mmepɔw bɛsosɔ nsamono,

na nkoko nyinaa ahono.

14 Deut 30.3; Yes 65.21 Na mɛdan me man Israel nnommumfa no,

na wɔabɛkyekyere nkurow agowagow no atena mu,

na wɔatɛw bobe nturo

na wɔanom mu nsa,

na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.

15Na medua wɔn wɔn asase so,

na wɔrentu wɔn mfi wɔn asase a mede mama wɔn no so bio,

AWURADE wo Nyankopɔn na ose.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help