2 Samuel 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔde apam adaka no ba Sion(1 Berɛsosɛm 13.1-14; 15.25—16.6, 43)

1 1 Be 13 Na Dawid san hyiahyiaa Israel mmarima a wɔapaw wɔn nyinaa bio; wɔn ano si ɔpeduasa.

2Yos 15.9; Eks 25.22 Na Dawid sɔree, na ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa kɔe kofii Baaleyuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka a wɔbɔ din sɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim so no afi hɔ aba.

31 Sa 7.1 Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, na wɔmaa so fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so na Abinadab mma Usa ne Ahio na ɛkaa teaseɛnam foforo no.

4Onyankopɔn adaka no fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so rekɔ no, na Ahio di adaka no anim na ne nuabarima di nkyɛn mu.

5Na Dawid ne Israel fi nyinaa de wɔn ahoɔden nyinaa, ne nnwom ne asanku ne bɛnta asanku a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ ne mpintin ne nnɔnnɔmma ne nsammɔ nnawuru gorui, AWURADE anim.

6Na woduu Nakon awiporowbea no, Usa teɛɛ ne nsa kɔkaa Onyankopɔn adaka no soo mu, efisɛ anantwi no hintiwii.

7Num 4.15; 1 Sa 6.19 Na AWURADE bo fuw Usa na mfomso no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ na owui Onyankopɔn adaka no nkyɛn hɔ.

8Na ɛyɛɛ Dawid awerɛhow sɛ AWURADE abufuw aba Usa so. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa, ase ne: Usa so abufuw, de besi nnɛ yi.

9Na Dawid suroo AWURADE da no na ɔkae sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn dɛn?

10Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kurow no mu, na Dawid de man kɔɔ Gitni Obed-edom fi.

11Na AWURADE adaka no tenaa Gitni Obed-edom fi asram abiɛsa na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fi nyinaa.

12Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ. AWURADE ahyira Obed-edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa, Onyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔe kɔfaa Onyankopɔn adaka no fii Obed-edom fi de baa Dawid kurow mu anigye mu.

13Na sɛ wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutu anammɔn asia a, ɔde nantwi ne aboa a wadɔ bɔ afɔre.

14Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sawee AWURADE anim; nso Dawid hyɛ nwera asɔfotade.

15Na Dawid ne Israel fi nyinaa de osebɔ ne torobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.

16Na AWURADE adaka no duu Dawid kurow mu no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔresaw AWURADE anim, na obuu no animtiaa ne koma mu.

17Na wɔde AWURADE adaka no bae de besii ne sibere, ntamadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, AWURADE anim.

18Na Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no bɔ no, ɔde asafo AWURADE din hyiraa ɔman no.

19Na ɔkyɛɛ ade maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmea; ɔmaa wɔn mu biara abodoo sebɔw biako ne nankum ne bobe aba tetare. Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi.

20Ɛnna Dawid san behyiraa ne fi. Na Saul ba Mikal fii adi behyiaa Dawid na ɔkae sɛ: Anuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho animguase so a n’ani mmu no dwɛ yi!

212 Sa 5.2 Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔpaw me fii w’agya ne ne fi nyinaa akyi, yii me na ɔhyɛɛ me sɛ minni ne man Israel so panyin no anim na migorui.

22Na mɛyɛ ayemfo masen eyi bio na mayɛ m’ani so famni. Nanso mfenaa a woka no, wɔn ara na ɛbɛhyɛ me anuonyam.

23Na Saul babea Mikal annya ɔba de kosii ne wuda.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help