Hesekiel 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wotua Yerusalem

1Na wo, onipa ba, fa ntayaa to w’anim, na kurukyerɛw so kurow a ɛne Yerusalem,

2na ka no hyɛ mu, na to aban hyɛ ho, na gu ho mpempe, na bɔ ho nsra hyia, na fa ɔfasu bu adwennini sisi ho hyia.

3Na wo nso, fa dade asanka, na fa yɛ dade fasu, wo ne kurow no ntam, na dan w’ani kyerɛ no, na enni kamu, na tua no; ɛno nyɛ sɛnkyerɛnne mma Israel fi.

4Na wo de, da wo benkum so, na fa Israel fi amumɔyɛ to so; nna dodow a woda so no na wobɛsoa wɔn amumɔyɛ.

5Na me de, mede wɔn amumɔyɛ mfe no mayɛ nna dodow mama wo, nna ahasa aduakron na wobɛsoa Israel fi amumɔyɛ no.

6Na wuwie eyinom a, san da wo nifa so soa Yuda fi amumɔyɛ adaduanan; mede afe afe mayɛ wo da koro da koro.

7Na dan w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyem no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu no so.

8Na hwɛ, mede nhama megu wo so, na woantwa dafa amfi wo mfe so, ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akosi sɛ wubewie wo nkahyem nna no ansa.

9 Hes 4.5 Na wo de, fa awi ne atoko ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburow hyɛ ade biako mu fa, na fa yɛ w’aduan di nna dodow a wode bɛda wo mfe so no, ɛne nna ahasa aduakron;

10na w’aduan a wubedi no, kari, nnwetɛbona aduonu da koro na di no nna nna.

11Na nsu nso susuw na nom, susutoa nkyemu asia mu biako, na nom no nna nna.

12Na di no atoko fam a wode kyerebo a efi onipa mu atoto, wɔn anim.

13Na AWURADE kae sɛ: Saa ara na Israelfo bedi wɔn aduan a ɛho akum, amanaman a mesum wɔn makɔ hɔ no mu.

14Aso 10.14 Ɛnna mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii ɛ, na ade a atɔ anaasɛ wɔatetew mu nso, minnii bi da, fi me mmofraase bedu sesɛɛ, nanso nam a wokyi bi nkɔɔ m’anom pɛn ɛ.

15Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwi bin masi onipa kyerebo ananmu ama wo, na woato w’abodoo wɔ so.

16Hes 5.16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, brodoto begyae wɔ Yerusalem, na wɔadi brodo nkarii so, ne nkɔmmɔdi mu, na nsu nso wɔanom no nsusuwii ne ahodwiriw so,

17na brodo ne nsu ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiriw wɔn, onipa ne ne nua, na wɔatetew, wɔn amumɔyɛ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help