Numeri 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔman no anwiinwii

1 Deut 1.26-44 Ɛnna asafo mu no nyinaa momaa wɔn nne so, na ɔman no sui anadwo no.

2Eks 16.3 Na Israelfo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yewuwui Misraim asase so, anaa sare so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu.

3Nnw 106.24 Na ɛdɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? So enye mma yɛn sɛ anka yɛbɛsan akɔ Misraim bio?

4Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yensi otitiriw na yɛnsan nkɔ Misraim.

5Deut 16.4 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam, Israelfo asafo bagua no nyinaa anim.

6 Num 13.16, 30 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafo no mu no sunsuanee wɔn ntade mu,

7na wɔka kyerɛɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Asase a yetwaa mu kɔsrae no yɛ asase pa ara.

8Num 13.27 Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

9AWURADE ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no, na wɔyɛ yɛn aduan; wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, AWURADE di yɛn akyi, munnsuro wɔn.

10Eks 17.4; 16.10 Na asafo no nyinaa kae sɛ wonsiw Yosua ne Kaleb abo.

Ɛnna AWURADE anuonyam puei ahyiae ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa.

11Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛtew me ahi akosi da bɛn? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa akyi?

12Eks 32.10-14 Mede owuyare mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den sen wɔn.

13Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛno de, Misraimfo bɛte, efisɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afi wɔn mu;

14na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofo. Wɔate sɛ wo AWURADE wowɔ ɔman yi mu a woma wohu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wudi wɔn anim omununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo;

15na sɛ wukum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ:

16Deut 9.28 Esiane sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no so nti, na wakum wɔn sare so.

17Enti mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛse, sɛnea wokae sɛ:

18 Eks 34.6 AWURADE yɛ abufuw mu nyaa

na n'adɔe dɔɔso:

Ɔde amumɔyɛ ne mmarato kyɛ,

nanso ommu nea odi fɔ no kumfɔ;

na otua agyanom amumɔyɛ so ka

de fa mma so

kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so.

19Fa ɔman yi amumɔyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛ wo dom kɛse no te, ne sɛnea wode afiri ɔman yi afi Misraim abedu ha yi no.

20Na AWURADE kae sɛ: Mede makyɛ wɔn sɛ w'asɛm se no,

21Eks 9.16 nanso sɛ mete ase na AWURADE anuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,

22mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa,

23Nnw 95.11; Heb 3.17-19 ampa ara, wɔrenhu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom no, na wɔn a wɔatew me ahi no mu biara nso renhu.

24Yos 14.6, 9 Na m'akoa Kaleb de, sɛ honhom a ɛso wɔ no mu na wadi m'akyi awie nti, mede no medu asase a ɔkɔɔ so no so, na n'asefo adi so.

25Na Amalekfo ne Kanaanfo no te bon no mu nti, ɔkyena monnan mo ho ntu nkɔ sare so mmɛw po kwan so.

Anwiinwiifo no asotwe

26Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

27Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wonwiinwii hyɛ me no nkosi da bɛn? Israelfo anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no, mate.

28Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara, sɛ mete ase yi, AWURADE na ose, sɛnea moakasa agu m'asom no, saa ara na mɛyɛ mo:

29Num yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛnea mo nyinaa ano si fi wɔn a wɔadi mfe aduonu de rekɔ, mo a munwiinwii hyɛɛ me no,

30morennu asase a mekaa ntam sɛ mede mo mɛtena so no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.

31Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn mɛkɔ so, na wɔahu asase a moto ho mpe no.

32Na mo de, mo afunu bɛdeda sare yi so,

33na mo mma ayɛ mmoahwɛfo, sare so, mfirihyia aduanan, na wɔasoa mo aguamammɔ akosi sɛ mo afunu bewie ɔsa sare so.

34Yer 2.19 Nna a mode kɔsraa asase no dodow a esi adaduanan no so na monsoa mo amumɔyɛ no mfirihyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahu me pa a mapa mo no.

35Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, eyi na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔahyia ahyɛ me yi nyinaa. Num yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ.

36 1 Ko 10.5, 10; Yuda 5 Na mmarima a Mose soma ma wɔkɔsraa asase no a wɔsan bae na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ no, sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne, fi trɛwee no,

37mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne fi trɛwee no wuwuu atɔfo wu, AWURADE anim,

38Num 14.30 gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko.

Asoɔden so asotwe

39Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no nyinaa; na ɔman no dii nkɔmmɔ pii.

40Deut 13.17 Na wotuaa ahema foro kɔɔ bepɔw no atifi kae sɛ: Yɛn ni, yɛbɛforo akɔ nea AWURADE kae hɔ, efisɛ yɛayɛ bɔne.

41Na Mose kae sɛ ɛdɛn na mofom AWURADE asɛm no so yi? Eyi de, ɛrenyɛ yie.

42Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfo anim;

43na Amalekfo ne Kanaanfo wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrante ano; na sɛ moasan afi AWURADE akyi yi, AWURADE nso renni mo akyi.

44Na wotintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔw no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfi nsra no mu.

45Deut 21.3 Ɛnna Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian bae bekunkum wɔn bobɔɔ wɔn pete koduu Horma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help