1 Mat 7.6 Sɛ woyɛ papa bi a,
hu nea woyɛ ma no,
na ɔbɛda wo nneyɛe pa no so ase.
2Yɛ papa ma wɔn a wosuro Nyame,
na wɔbɛda wo ase,
sɛ ɛnyɛ wɔn ara mpo a,
ɛnyɛ dɛn ara a Ɔsorosoroni no
bɛhyɛ wo ananmu.
3Papa bi nni hɔ ma abɔnefo a wɔkɔ so yɛ bɔne,
ne nea ɔnkyɛ ade.
4Kyɛ Onyamesurofo ade,
na mmoa ɔdebɔneyɛni.
5Yɛ papa ma ɔhobrɛaseni,
nanso mmoa nea onni Nyamesuro,
mfa wɔn aduan mma wɔn,
anyɛ a wɔnam so bɛbrɛ wo ase,
na bɔne ahorow abien aba wo so,
papa a woayɛ wɔn nyinaa ho.
6Na Ɔsorosoroni no nso kyi abɔnefo,
na ɔbɛtwe wɔn a wonsuro no no aso.
7Kyɛ onipa pa ade, na mmoa ɔbɔnefo.
8Ahonya bere mu no, wonhu adamfo nokwafo
na ɔtamfo yi ne ho adi ɔhaw bere mu.
9Onipa di yiye a,
n’atamfo yam hyehye wɔn,
na ɔyaw bere mu no,
nnamfo pa mpo twe wɔn ho.
10Mfa wo werɛ nhyɛ wo tamfo mu,
efisɛ sɛnea kɔbere wewe no, saa na ɔbɔnefo suban te.
11Sɛ mpo ɔbrɛ ne ho ase ma wo a,
hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho,
wo ne no nnyɛ sɛ obi a ɔpepa ahwehwɛ anim,
na wobehu sɛ anim ntumi nwie tew ara.
12Mfa no sɛ wunni hɔ a, ɔno na ɔwɔ hɔ,
na obetumi ayi wo afi hɔ na watena w’ananmu;
mma no ntena wo nifa,
na obetumi agye wo tenabea,
na awiei no wobehu nokware a
ɛwɔ me nsɛm yi mu,
na nea maka yi bɛyɛ wo nwonwa .
13Hena na odi yaw ma nea ɔde ɔwɔ yi nkonyaa
na ɔwɔ no aka no,
anaa obi a ɔbɛn aboa a ɔyɛ keka?
14Saa ara nso na obi nni yaw mma nea,
ɔde ne ho bɔ ɔdebɔneyɛni ho
ma nkurɔfo bɔne ho asotwe ba no so.
15Ɔne wo bɛtena nna kakra bi pɛ,
na sɛ wofom a, ɔremmɛn wo.
16Ɔtamfo de n’ano bɛka kasadɛ
nanso ne komam de,
ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛtow wo akyene amoa mu.
nusu wɔ ɔtamfo aniwa mu de,
nanso sɛ onya wo ho kwan kakra a,
wo mogya a ɔhwehwɛ no, ɛmma ɔnnte gyae.
17Sɛ bɔne ba wo so a wobehu sɛ ɔno na odi wo kan a,
ɔboapa sɛ ɔreboa wo,
ɔde wo ahintasɛm bɛto gua.
18Afei ɔbɛbɔ ne ti nko na wabɔ ne nsam,
na wakasakasa pii, na wada ne suban ankasa adi akyerɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
