1Nti wotuu abɔfo sɛ wɔnkɔsrɛ, na wɔkae sɛ:
2Yɛyɛ ɔhenkɛse Nebukadnesar nkoa, yebu nkotodwe w'anim. Nea wopɛ biara fa yɛ yɛn.
3Hwɛ, yɛn adan ne yɛn nsaase, yɛn awifuw, yɛn nguan ne anantwi, yɛn nguanban ne yɛn ntamadan nyinaa gu hɔ ma wo. Fa yɛ nea wopɛ.
4Yɛn nkuropɔn ne emu nnipa yɛ wo nkoa; wo ne wɔn mmedi no sɛnea wopɛ.
5Nkurɔfo no baa Holoferne hɔ bɛkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ no.
6Akyiri yi ɔde n'asraafo no kɔɔ mpoano aman no so na ɔma wɔtenatenaa nkurow no mu, na oyiyii wɔn mu wɔn a woyɛ nnam no sɛ aboafo.
7Na saa nkurɔfo yi, ne wɔn a wɔwɔ nkuraase nyinaa de nhwiren, asaw ne trobɛnto behyiaa no kwan.
8Eks 34.13; 2 Be 17.6 Na obubuu wɔn abosomfi nyinaa na otwitwaa wɔn anyame nnua; efisɛ wɔapaw no sɛ ɔnsɛe asase no so abosom nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a aman nyinaa bɛsom Nebukadnesar nkutoo; na wɔn kasa ne mmusuakuw nyinaa afrɛ no sɛ onyame.
9Na akyiri yi ɔbaa Esdraelon, a ɛbɛn Dotan, a ɛkyerɛ Yudea koko kɛse no anim;
10na ɔbɔɔ nsra wɔ Geba ne Skatopolis, na ɔtenaa hɔ ɔsram baako, na ama ne nsa aka n'asraafo no nneɛma nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
