Sakaria 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ahonu ho kɔkɔbɔ

1 Esra 5.1 Dario afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so awotwe mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:

2Abohuru na Awurade bo huru hyɛɛ mo agyanom.

3Mal 3.7; Yak 4.8 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose.

4Yer 3.12; Hes 3.11 Monnyɛ sɛ mo agyanom a kan adiyifo no pae mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mfi mo akwammɔne ne mo nsɛnnii bɔne no so, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, Awurade asɛm ni.

5Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifo no, so wɔtenaa hɔ kosii daa?

6Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.

Onyankopɔn dɔ Sion

7Ɔsram a ɛto so dubiako a ɛne ɔsram Sebat da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:

8Sak 6.1-8 Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?

9Na ɔbɔfo a ɔrekasa akyerɛ me no buaa me sɛ: Merebɛkyerɛ wo dekode a eyinom yɛ.

10Na ɔbarima a ogyina ohuannua no ntam no buae sɛ: Eyinom na Awurade asoma wɔn sɛ wonkokyin asase so.

11Na wobuaa Awurade bɔfo a ogyina ohuannua no ntam no sɛ: Yɛakyin asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.

12Nnw 102.13; Dan 9.2 Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?

13Na Awurade de nsɛm pa, awerɛkyekye nsɛm, buaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no

14sɛ: Pae mu ka sɛ: Sɛ Asafo Awurade se ni: Ninkunu kɛse na matwe Yerusalem ne Sion ho,

15Yes 47.6 na abohuru kɛse na me bo huru hyɛ amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, efisɛ me de, me bo hurui kakraa bi, na wɔn de, wɔboae ma ɛdan bɔne.

16Sak 8.3 Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.

17Yes 40.1-2; 14.1 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Nnepa bebu so me nkurow mu, na Awurade bɛkɔ so akyekye Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.

Mmɛn anan ne atomfo baanan ho asɛm

18Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmɛn anan ni.

19Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Dɛn ne eyinom? Na obuaa me sɛ: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.

20Na Awurade kyerɛɛ me atomfo baanan.

21Na mibisaa sɛ: Ɛdɛn na eyinom bɛyɛe? Na ose: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda petee na obi amma ne ti so no, na eyinom baa wɔn ehuyi, sɛ wobetutu amanaman a wɔmaa abɛn so hyɛɛ Yuda asase de bɔɔ wɔn petee no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help