Nnwom 22 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Amanehunu dwomWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Adekyee forote” sanku nne so. Dawid dwom.Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Adekyee forote” nne so. Dawid dwom

1 Mat 27.46 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn,

dɛn nti na woagyaw me?

Me su a misu mefrɛ wo ne me nkwagye ntam ware.

2Me Nyankopɔn, meteɛm mefrɛ wo awia,

na wummua me, ne anadwo, nso minnya ɔhome.

3Na woyɛ kronkron,

wote ahengua so, na wo na Israel ayeyi nyinaa wɔ wo.

4Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toe,

wɔde wɔn ho too wo so,

na wugyee wɔn.

5 Nnw 25.2-3 Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo, na wonyaa nkwagye,

wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

6 Nnw 69.7; Yes 53.3; Mat 27.39-44 Na me de, meyɛ aboa,, na menyɛ onipa,

meyɛ nnipa ahohorade ne ɔman akyiwade.

7 Hiob 16.4, 10 Wɔn a wohu me nyinaa

di me ho fɛw tɛɛ wɔn anom wosow wɔn ti ka sɛ:

8Dan to AWURADE so, ma onnye no,

sɛ ɔpɛ no a, ma onyi no.

9 Nnw 71.6 Na wo na wuyii me fii me na yam,

mitua me na nufu ano no, na womaa me anidaso.

10Mifi yafunum ara na wɔde me too wo so,

wone me Nyankopɔn fi me na yam.

11Mma me ne wo ntam nnware,

na ahohia abɛn,

na ɔboafo bi nni hɔ.

12Anantwinini bebree atwa me ho ahyia,

Basan anantwi akɛse abɔ me ho kɔntɔnkrɔn.

13Wɔtɛɛ wɔn anom kyerɛ me

sɛ gyata a ɔtetew na ɔbobom.

14 Luka 22.44 Wɔahwie me agu sɛ nsu,

na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so.

Me koma ayɛ sɛ hweawa,

anan wɔ me yam.

15 Yoh 19.28 M’ahoɔden mu ayow sɛ kyɛmfɛre,

na me tɛkrɛma afam me dodom,

na wode me ato owu mfutuma mu.

16 Yoh 20.25, 27 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia,

na wɔbobom ba me so,

wɔahwirew me nsa ne me nan mu.

17Mitumi mekan me nnompe nyinaa,

wɔn de, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.

18 Yoh 19.24 Wɔkyɛ me ntama mu fa,

na m’atade so na wɔbɔ ntonto.

19Na wo, AWURADE, ntena akyiri.

M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me.

20 Nnw 35.17 Hwim me kra fi nkrante ano,

m’ade koro no fi akraman nsam.

21Gye me fi gyata anom,

na ɛko mmɛn mu na wutie me.

22 Nnw 9.14; Heb 2.12; Yoh 20.17 Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo asafo mu.

23Mo a musuro AWURADE, munyi no ayɛ.

Yakob asefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam,

na Israel asefo nyinaa, momfɛre no.

24 Nnw 9.12; Heb 5.7 Na wannyaw ɔmanehunufo n’amanem,

na wannyi n’anim nhintaw no,

na mmom osu frɛɛ no no, otiei.

25 Nnw 116.14 Wo na woma miyi wo ayɛ asafo kɛse mu,

mɛma m’aboade, wɔn a wosuro no no anim.

26 Nnw 69.32 Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee,

wɔn a wɔpɛ AWURADE akyi kwan beyi no ayɛ.

Mo koma nnya nkwa daa.

27Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae

adan aba AWURADE nkyɛn,

na amanaman mmusuakuw nyinaa

abɛkotow n’anim.

28Na ahenni wɔ AWURADE,

na odi amanaman so.

29 Flp 2.10 Asase so abran nyinaa bedidi na wɔakotow no,

wɔn a wosian kɔ mfutuma mu nyinaa,

ne nea anka ne kra nni nkwa no bɛkotow no.

30 Yes 53.10 Nkyirimma bɛsom no,

wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awo ntoatoaso a edidi so mu.

31 Nnw 110.3; Yoh 19.30 Wɔbɛba abɛka ne trenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no,

sɛ ɔno na wayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help