Eksodɔs 28 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔfo Ntade(Eksodɔs 39.1-7)

1 no hyɛ atemmu adɛbo no mu, na sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfo no atemmu ne koma so, AWURADE anim daa.

31 Eks 39.22-26 Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotade no ase batakari.

32Na tokuru nna mfinimfini wɔ n'atifi, na wɔmfa ntamabena a wɔanwene mman tokuru no ano nhyia te sɛ nkatabo mu tokuru, na ansuane.

33Na mmuano no so no wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi nyɛ ateaa aba sɛso ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛn ntam ntam nhyia.

34Sika adɔmma ne ateaa aba, sika adɔmma ne ateaa aba ntwa batakari no mmuano ho nhyia.

35Eks 30.21; Lew 16.2, 13 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛn kronkronbea hɔ AWURADE anim na ofi adi a, wɔate ne nnyigyei na wanwu.

36 Eks 39.30-31 Na boro sika amapa tratraa, na kurukyerɛw so sɛ nsɔanode nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE.

37Na fa fam bibiri hama so, na ɛntena abotiri no so; abotiri no anim na ɛmfam.

38Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusu biara a aba akronkronne a Israelfo yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛde kronkron nyinaa mu no; na ɛntena ne moma so daa, na ama AWURADE ani asɔ wɔn.

39 Eks 39.27-29 Na nwene nwera adamadam atade yuu no, na yɛ nwera abotiten, na yɛ adenwene abɔso.

40Na Aaron mma no nso, yɛ ntade ma wɔn, na yɛ abɔmu ma wɔn, na yɛ abotiri bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ.

41Lew 8.12; Eks 29.9, 24 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfo, na dwira wɔn, na wonni me sɔfo.

42Na yɛ nwera ntwakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagyaw so mfi asen nkosi nsrɛkyiri.

43Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔremuka no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔanni mmusu na wɔanwu; ɛnyɛ daa atɔremude mma no ne n'asefo a wobedi n'akyi no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help