1Bio, nea ɔreboaboa ne ho atwa po ne emu asorɔkye begyabegya no,
ɔsɔre frɛ duasin a agow kyɛn hyɛn a ɔte mu no.
2Ɛyɛ mfaso nti na wɔyɛɛ hyɛn no,
nyansa na odwumfo no de yɛe;
3Nanso wo Ɔkyɛso, Ao Egya,
na wotumi ma no kɔ,
efisɛ woakyerɛ no kwan afa po no so,
ne asomdwoe kwan afa asorɔkye,
no mu.
4de kyerɛ sɛ wobetumi agye nkwa efi asiane biara mu,
sɛnea mpo obi a onni a onni nimdeɛ no,
betumi akɔ po so.
5Wo pɛ ne sɛ wo nyansa nnwuma no renyɛ kwa;
saa nti nnipa de wɔn nkwa hyɛ
duasin ketewaa bi mu,
ma wɔde bonto nenam asorɔkye no mu ara
bedu asase so komm.
6Mpo mfiase no, bere a
ahantanfo akɛse reyera no,
wiase anidaso nyaa guakɔbea wɔ
obonto bi a wo nsa benkum ara,
kyerɛɛ kwan gyaa wɔn baa
wiase foforo mu.
7Nhyira ne obonto a atreneefo nam mu ba.
8Nanso ohoni a wɔde nsa ayɛ no,
nnome nka no, saa ara nso na ɛnka nea ɔyɛɛ no,
esiane sɛ nea ɔyɛe eyi, ne ade a
ɛsɛe yi, too no din nyame.
9Na Onyankopɔn kyi nnipa a
onnim Nyame ne wɔn brakyew no nyinaa,
10efisɛ ade wɔyɛe no,
ne nea ɔyɛe nyinaa benya asotwe.
11Saa nti asotwe bɛba abosom no so
efisɛ wɔyɛ Onyame abɔde de
nanso wɔbɛyɛɛ ɔhaw maa nnipa,
ne akwaside maa agyimifo
Ahonisom ne bɔne mfiase12Adwene bae sɛ wɔbɛyɛ ahoni ara pɛ na ahuhubra fii ase.
wohuu wɔn yɛ no na abrabɔ sɛe,
13Efisɛ mfiase no na wonni hɔ
nanso wɔrentena hɔ afebɔɔ.
14Efi onipa ahuhude mu
na wɔbaa wiase,
ne saa nti wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ:
Wɔn awiei bɛba mpofirim ntɛm so.
15Efisɛ agya bi a awerɛhow amene
no wɔ ne ba mpofirim wu ho no,
yɛɛ n’abofra a owui no sɛso
na afei ɔsom nea wawu no sɛ onyame
na akyiri yi ɔde ɛho amanne nyinaa gyaw nkyirimma.
16Nkyiri yi a bere rekɔ anim no,
abosonsom yi bɛyɛɛ mmara
a ahemfo hyɛ sɛ wɔnsom.
17Afei mmere a nnipa ntumi nsom ahemfo no bio
esiane sɛ wɔte akyirikyiri nti no,
wɔyɛɛ ahemfo no sɛso a wɔsom
enti wɔn ahopere mu no,
wɔkamfo nea onni hɔ no sɛ ɔno ara ni
18Saa nti ɛmaa odwumfo no adwuma kɔɔ so
mpo ma nea onnim ɔhene no yeree ne ho som no.
19Ɔnam sɛ ebia ɔhwehwɛ sɛ
ɔbɛsɔ ne hene ani nti,
ɔde ne nimdeɛ yiyi ɔhene honi yi ho ara ma ɛyɛ fɛ yiye.
20Na dodow a saa adwuma no yɛɛ wɔn fɛ no,
buu nea mmere tiaa bi akyi ɔyɛ onipa no
sɛ onyame som no.
21Na eyi bɛyɛɛ afiri a ahintaw de maa ɔdasani,
esiane sɛ nnipa wɔ ahokyere ne ayawdi mu,
anaasɛ wɔhyɛ ɔhene tumi ase nti,
ɛma wɔde din a ɛnsɛ sɛ wɔde to obiara,
maa nneɛma a wɔde ɔbo anaa dua ayɛ.
Abosonsom so akatua22Afei, annɔɔso amma wɔn sɛ wɔbɛfom atia Onyankopɔn nimdeɛ no ho,
na mmom esiane nim a wɔnnim nti wɔtenaa ɔko kɛse mu no,,
wɔfrɛ amumɔyɛ kɛse a ɛte sɛɛ asomdwoe
23Efisɛ sɛ wokum mmofra wɔ wɔn afahyɛ ase o, sɛ nso wɔde yɛ wɔn anyankamade o,
anaa nso sɛ wɔde hooyɛ ne amammerɛ a ɛyɛ hu bi na ɛyɛ o,
24wɔnnhwɛ mma wɔn bra
anaa wɔn aware ho nntew,
mmom ebia wɔnam nyansakwan bi so kunkum wɔn ho wɔn ho
anaa wɔnam aguamammɔ so twetwe yaw ma wɔn ho.
25Eyinom nyinaa so akatua ne sakasakayɛ ne mogyahwiegu,
awudi, adwotwa ne nnaadaa,
ɔbrakyew, nokwaredi a enni hɔ, kitikitiyɛ ne ohia,
26adepa ho basabasayɛ, adom ho awerɛfiri,
akra ho figu, mmarima ne mmea a wɔne wɔn ho wɔn ho deda,
aware mu basabasayɛ, aguamammɔ, ne agobɔne.
27Abosonsom a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ din no
ne bɔne nyinaa mfiase, ne farebae ne n’awiei.
28Esiane sɛ wɔn asomfo no,
taa yɛ asisifo, anaa wɔhyɛ atoro nkɔm
anaa wɔbɔ ɔbrakyew,
na adewia nso nyɛ wɔn den.
29esiane sɛ, wɔn werɛ hyɛ ahoni a
nkwa nni mu, na wɔhyɛ atirimmɔden nkɔm,
na wonsusuw sɛ hwee bɛyɛ wɔn.
30Mmom wobebu wɔn atɛntrenee nneɛma abien ho:
esiane sɛ wɔannya Onyankopɔn ho nimdeɛ pa,
na wɔde wɔn ho too ahoni so,
na afei nso wɔkaa atoro ntam na wodii
nsew a ɛnteɛ, na wɔpoo ɔbra kronkron nti
31Mmom ɛnyɛ tumi a ɛwɔ nneɛma a
nnipa de ka ntam di nsew mu na ɔhaw wɔn,
na ɛyɛ asotwe a ɛfata ma wɔn a wɔyɛ bɔne no
na daa wodi ammumɔyɛ ne nea ɛnteɛ akyi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.