Tobit 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Anna gyae su.Rages akwantu

1Aberante no kɔe, na ɔbɔfo no bɔɔ ne ho ban;

2na ne kraman dii n'akyi. Afei wɔn akwantu no da a edi kan no, woduu asubɔnten Tigris ho no, na ade asa enti wosii ntamadan wɔ hɔ dae.

3Na aberante no sian kɔɔ asubɔnten Tigris mu kɔhohoroo ne nan ase. Mpofirim ara, apataa kɛse bi huru fii nsu no mu pɛe sɛ ɔmene aberante no nan, enti ɔteɛɛm.

4na ɔsoro bɔfo no see aberante no sɛ: Kyere nam no. Nti aberante no kyeree apataa no, na ɔtow no kyenee nsu no pampa so.

5Na ɔsoro bɔfo no see no sɛ: Yi apataa no bɔnwoma, ne koma, ne berɛbo no sie, na tow n'ayamde no gu, efisɛ ne bɔnwoma, ne koma, ne ne brɛbo no yɛ aduru.

6Nti aberante no yɛɛ nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no no; na ɔtotoo nam no bi wee, na wɔhyɛɛ nkae no nkyene.

Na wɔn baanu nyinaa toaa wɔn akwantu no so kosii sɛ wɔbɛn Ekbatana.

7Afei aberante no bisaa ɔbɔfo no sɛ: Onua Asaria, nnuru ahoɔden bɛn na ɛwɔ apataa no koma, ne brɛbo, ne ne bɔnwoma no mu?

8Na obuae sɛ: Koma ne brɛbo no, sɛ ɔbonsam anaa sunsumfi rehaw obi a, hyew eyinom pun no, na nea ɛhaw no biara begyae a ɛrensan mma bio koraa.

9Na bɔnwoma no, fa sra onipa a tɛ abesi n'ani so, huw n'ani no so, beae a tɛ no si no, na ɛbɛyera.

Rafael Ma Tobias Akwankyerɛ

10Bere a wɔbɛn Ekbatana no,

11ɔbɔfo no see aberante no sɛ: Me nua, nnɛ yɛbɛsoɛ Raguel. Ɔyɛ wo busuani, na ɔwɔ ababaa a wɔfrɛ no Sara.

12Onni obiara a obedi n'ade, na mesusuw sɛ, woware no a eye, efisɛ ɛfata sɛ, n'agya agyapade bɛba wo hɔ na wo nkutoo ne obusuani a ɔfata. Afei nso ababaa no yɛ ɔbadwemma, ɔkokodurufo, ne ɔhoɔfɛfo, na n'agya yɛ onipa pa.

13Ɔtoaa so sɛ: Wowɔ ho kwan sɛ woware no, enti me nua tie me: Anadwo yi me ne n'agya bedi nkitaho, nea ɛbɛyɛ a ɔde no bɛma wo aware, na sɛ yefi Reges san ba a, yɛabehyia no ayeforo. Minim sɛ, sɛnea Mose mmara kyerɛ no Raguel rentumi mfa no mma ɔbarima foforo bi aware a, ɛbɛtwetwe owu aba no so, efisɛ wo nkutoo na ɛsɛ sɛ woware ne babea no. Enti tie me, anadwo yi me ne n'agya bedi awaregye no ho nkɔmmɔ, na sɛ yefi Rages a yɛne no akɔ sɛ wo yere.

14Na Tobias see ɔsoro bɔfo no sɛ, Onua Asaria, mate sɛ ababaa no, wɔde no ama kununom baasɔn na wɔn mu biara wui wɔ ayeforo pia mu hɔ ara. Anadwo a, wɔne no bɛda pɛ na wɔawuwu. Mate sɛ ɛyɛ sunsummɔne bi na ekunkum wɔn.

15Saa sunsum no nhaw ɔbea no, mmom ekum ɔbarima biara a ɔba ne ho. Esiane sɛ m'agya di me ɔba koro nti, misuro sɛ mewu, na ɛnam me so, m'agya ne me na de awerɛhow bɛkɔ asaman. Efisɛ wonni ɔba biara bio a obesie wɔn.

16Nanso ɔbɔfo no see no sɛ, anaa wonkae sɛ, w'agya hyɛɛ wo mmara sɛ, ware fi w'ankasa wo nkorɔfo mu? Afei me nua, tie m'asɛm, nka hwee bio mfa sunsum bɔne biara ho, na anadwo yi ara wɔde no bɛma wo aware.

17Sɛ wokɔ ayeforo pia no mu a, fa aduhuam a gya wɔ mu, na fa apataa no koma, ne ne brɛbow no bi gu so ma empun wusiw.

18Na ɔbonsam no bɛte nka na waguan, na ɔnnsan mma hɔ bio da. Na ansa na wo ne no bɛda no, wo ne no nsɔre mmɔ mpae nsrɛ Ɔsoro Nyankopɔn hɔ ayamye ne banbɔ. Nsuro na wɔasiesie no ama wo, ansa na wɔbɔɔ wiase. Wobɛbɔ ne ho ban, na ɔne wo anantew, na migye di sɛ wo ne no bɛwo mma. Bere a Tobias tee sɛ ɔyɛ n'agya busuani no, ɔdɔɔ no pii, na ne koma bataa ne ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help