1Mma wo ho mmpere wo abɔnefo ho,
na mma wɔn ho tena nnnɔ wo kɔn,
2na wɔn koma dwen ɔsɛe ho,
na wɔn ano ka mmusu.
3Wɔde nyansa na esi dan,
na wɔde nhumu ma egyina,
4 Mmb 31.10-31 na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa
hyɛ mpia mama.
5Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden,
na ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den.
6 Mmb 20.18; 11.14 Atɛmpa na fa kyerɛ wo sa,
na nkonim wɔ agyinatufo dodow mu.
7Nyansa korɔn dodo ma ogyimifo,
ommue n’ano kurow pon mu.
8Nea odwen bɔneyɛ ho no,
wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo.
9Agyimisɛm tirimmɔ yɛ bɔne,
na nnipa akyide ne ɔfɛwdifo.
10Wo nsa mu gow ahohia da mu a,
w’ahoɔden sua.
11 Hiob 29.12; Nnw 82.4 Gye wɔn a wɔretwe wɔn akɔ owu mu,
na sɛ wɔtɔ okum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ.
12 Mmb 16.2; 1 Sa 16.7; Rom 2.6 Sɛ wuse: Hwɛ, yennim yi a,
so nea ɔkari koma no nhu mu,
na nea ɔkora wo kra no nnim?
Na obetua onipa ka sɛ ne nneyɛe te.
13Di ɛwo, me ba, na eye,
ne ɛwokyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ;
14 Mmb 23.18 saa na bu nyansa ma wo kra,
sɛ wuhu a, ɛso ade bɛba daakye,
na w’anidaso no, ɛrenyɛ ɔkwa.
15Ɔbɔnefo, ntɛw ɔtreneeni fi,
na nsɛe ne homebea.
16 Hiob 5.19; Nnw 37.24 Na mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre,
na abɔnefo de, amanehunu hwe wɔn ase korakora.
17 Hiob 31.29 Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye,
na ɔwatiriw a, mma wo koma nnni ahurusi,
18na AWURADE anhu, na anyɛ n’ani so bɔne,
na wannan n’abufuw amfi no so.
19 Mmb 3.31; Nnw 37.1; 73.3 Mma wo bo nnhaw wo, nnebɔneyɛfo ho,
na mma w’ani mmmere abɔnefo.
20 Mmb 13.9 Na akyiri nni hɔ mma ɔbɔnefo,
abɔnefo kanea bedum.
21 1 Pe 2.17 Me ba, suro AWURADE ne ɔhene,
mfa wo ho mfra amansofo,
22 Rom 13.2 na mpofirim na wɔn sɛe bɛba,
na ɔsɛe a ebefi wɔn baanu hɔ no,
ɛhena na onim?
23 Lew 19.15 Eyinom nso yɛ anyansafo dea.
Atemmu mu animhwɛ nye.
24Nea ose ɔbɔnefo sɛ: Woteɛ, no,
nkurɔfo bɛdome no,
na aman bo ahuru no;
25na wɔn a wɔtwe aso no bedi yiye,
na wɔn so na nhyira pa bɛba.
26 Mmb 15.23 Nea ɔma mmuae a ɛteɛ no
te sɛ nea ofew ano.
27Siesie w’adwuma wɔ baabi,
na yɛ w’asase so kua fa,
na ɛno akyi woakyekye wo fi.
28 Mmb 19.5 Nni wo yɔnko ho adanse hunu,
na mfa w’ano nnaadaa
29 Mmb 20.22 Nka se: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa na mɛyɛ no,
metua no nea wayɛ no so ka.
30Mitwaa Onipa kwaadwofo afuw
ne onipa a onni ti bobeturo ho,
31na hwɛ, ne nyinaa afuw nsansono,
na ahyehyensa akata ani,
na ɛho abo fasu abubu agu.
32Na mehwɛe, na midwen ho yiye;
mihui, na minyaa mu suahu.
33 Mmb 6.9-11 Nna kakra, nkotɔ kakra!
Nsa a mɛpono mada kakra.
34 Mmb 10.4 Ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwowtwafo,
ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.