2 Makabe 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔtew Asɔredan no ho(1 Makabe 4.36-61)

1Afei Makabe ne n’akyidifo no, a Awurade di wɔn kan no, gyee asɔredan no ne kuropɔn no bio;

2Wobubuu afɔremuka a amamfrafo no asisi no wɔ abɔnten so petee mu hɔ no, na wɔsɛe wɔn kronkronbea no nyinaa.

3Wɔtew kronkronbea no ho, na wosii afɔrebɔ ho afɔremuka foforo kaa ho. Wɔde atwerebo paa gya, na wɔbɔɔ afɔre a mfe abien a atwam no, wɔmmɔɔ bi da, na wɔhyew aduhuam na wɔsosɔɔ gya, na wɔde Kyerɛ abodoo no too so.

4Wɔyɛɛ eyi wiei no, wobutubutuu fam na wɔkoto srɛɛ Awurade sɛ: Ɔmmma saa mmusu yi mma wɔn so bio, na sɛ, wɔayɛ bɔne mpo a, ɔno ara ntwe wɔn aso, na mmom onnyaa, wɔn nhyɛ aman abusuyɛfo ne awudifo nsa.

5Ɛbae sɛ, da no ara a amamfrafo no guu kronkronbea no ho fi no, saa da no ara nso na wɔtew kronkronbea no ho. Ɛyɛ ɔsram Kislew da a ɛto so aduonum anum no ara no mu.

6Na wɔde ahurusi hyɛɛ ho fa nnawɔtwe, sɛnea wɔyɛ no wɔ asese afahyɛ mu no, wɔkae mmere tiaa bi a atwam no, bere a wɔredi asese afahyɛ, na wɔbɔ aworoman wɔ nkoko ne abodan mu sɛ mmoa a wɔyɛ keka no.

7Saa nti wokurakura iwy nhwiren akɛseakɛse, nnubaa a ɛyɛ fɛ, ne mmerɛnkɛnsono, de too aseda nnwom maa nea wama wɔn nkonimdi wɔ n'ankasa kronkronbea no dwira ho.

8Wɔde hyɛɛ mmara nhoma mu sɔw ano, na wɔde abatow hyɛɛ no kena too hɔ sɛ: Afe biara Yudafo no nyinaa, nkae saa afahyɛ nna yi.

Antioku Eupator n’ahenni mfiase

9Saa na Antioku a wɔfrɛ no Epifane no awiei yɛɛ ni.

101 Mak 6.17 Afei yɛrebɛka nea esii wɔ Antioku Eupator bere so. N'agya yɛ obi a onnim Nyame. Yɛbɛka nea esisii wɔ, n’akodi ne mu ɔhaw ahorow no tiaa mu.

11Saa ɔbarima yi bedii hene no, ɔpaw onipa bi a wɔfrɛ no Lisia de aban no hyɛɛ ne nsa, na ɔyɛɛ no amrado panyin wɔ Koelesiria ne Foenike.

12Ptolemi a wɔfrɛ no Makron no, hyɛɛ ase sɛ ɔde atɛntrenee ba Yudafo no afam, esiane bɔne a wɔde ayɛ wɔn no nti, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn bɛtena asomdwoe mu.

13Eyi nti ɔhene no nnamfo kɔbɔɔ no sobo wɔ Eupator anim. Ɔtee sɛ wɔfrɛ no sɛ ɔfatwafo wɔ mmaa nyinaa, efisɛ wayi Kipro a Filometor de ahyɛ ne nsa no tokyene, na ɔde ne ho akɔbɔ Antioku Epifane ho. Esiane sɛ nnipa amfa nidi a ɛfata amma no nti, ɔnom awuduru ma owui.

Yuda Makabe di Idumeafo so nkonim(1 Makabe 5.1-8)

14Bere a Gorgias bedii amrado wɔ nkurotow no so no, ɔfaa apaafo asraafo guu ɔman no mu, a bere biara na wɔtaa Yudafo no.

15Eyi da nkyɛn a, Idumeafo a mmeae ahorow a ɛsom bo kura wɔn no, kɔɔ so haw Yudafo no. Wogyee wɔn a wɔatwa wɔn asu afi Yerusalem no, maa wɔsan bae, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma akodi no akɔ so.

16Nanso Makabe ne n'asraafo no bɔɔ mpae anibere so, na wɔkoto srɛɛ Onyankopɔn, sɛ ɔno ara nyɛ wɔn komafo, na wotu kɔɔ Idumeafo no nkoden mpasua no so.

17Wɔne wɔn koe dennennen gyee mmeaemmeae nyinaa, na wɔn a wɔkoo wɔ afasu no so nyinaa no, wɔkaa wɔn gui, na wokunkum wɔn a nsa kaa wɔn nyinaa, nnipa bɛyɛ mpem aduonu.

18Nnipa bɛyɛ mpem akron kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ abandennen abien a wɔahyɛ da asi no yiye na akode hyɛ mu ma, a ebetumi agyina dɔm biara ano no.

19Makabe de wɔn hyɛɛ Simon ne Yosef ne Sakeo ne ne dɔm nsa, wɔyɛ asraafo a wɔdɔɔso ara yiye sɛ wobetumi afa wɔn so; na ɔno ara de osiim kɔɔ mmeaemmeae a wohia no wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ.

20Nanso nnipa a wɔka Simon ho no, yɛ sika aniberefo, nti wɔn a wɔwɔ abantenten no mu binom maa wɔn adammude, na wɔn nsa nya kaa sika drakmas mpem aduoson no, wogyaa binom ma woguan kɔe.

21Na bere a nea esii no ho asɛm duu Makabe asom no, ɔmaa ne man no mu mpanyimfo hyiae, ma ɔbɔɔ saa nkurɔfo no sobo sɛ, wɔatɔn wɔn nuanom agye sika na wɔama kwan ma atamfo afi wɔn nsa na wɔne wɔn rebɛko.

22Na okunkum saa nnipa amammɔefo no, na ntɛm ara ɔkɔkoe gyee abantenten abien no.

23Odii nkonim wɔ n'akodi mu wɔ nea ɔyɛe nyinaa mu nti, okunkum nnipa bɛboro mpem aduonu wɔ abandennen no mu.

Makabe di Timoteo so nkonim

24Afei Timoteo a na Yudafo aka no agu pɛn no, faa apaafo asraafo pii boaa ano, na ɔkɔfaa apɔnkɔso asraafo pii nso fii Asia bae. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ, ɔrebɛtow ahyɛ Yudea so agye no anibereso.

25Bere a ɔrebɛn no, Makabe ne ne dɔm no de mfutuma huraa wɔn tirim na wɔde ayitama bobɔɔ wɔn asen, kotow srɛɛ Onyankopɔn.

26Wotwa hwehwee afɔremuka no anim, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔn adom, na ɔnyɛ ɔtamfo mma wɔn atamfo, na ɔne wɔn a wɔne wɔn ko no nko, sɛnea mmara no se.

27Na wɔsɔre fii wɔn mpaebɔ mu no, wɔbɔɔ ntoa na wosiim fii kuropɔn no mu kɔɔ wɔn anim ara yiye; na bere a wɔbɛn wɔn atamfo no wogyinae.

28Anim retetew no ara pɛ na asraafo dɔm abien no de bɔɔ anim wɔ akono. Obiako wɔ awerɛhyɛm sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ma wɔadi nkonim a, na ɛnyɛ sɛ efi wɔn ankasa akokoduru, mmom sɛ wotweri Awurade nti, na afa biako nso de abufuw na edii wɔn kan wɔ ɔko no mu.

29Bere a ɔko no ayɛ den no, atamfo no huu nnipa baanum a wɔn ho hyerɛn fi soro, na wɔtete apɔnkɔ so, na wokurakura sika nnareka, na wodi Yudafo no kan.

30Baanu de Makabe gyinaa wɔn mfinimfini na wɔn akode bɔɔ ne ho ban, na wɔampira no. Afei wɔtotow agyan ne apranaabo guu atamfo no so, na ɛmaa atamfo no yɛɛ basaa, na wɔn ani furae a wonhu nea wɔnyɛ. Nti wɔbɔ petee na wotwitwaa wɔn mu asinasin.

31Wokunkum wɔn mu nnipa mpem aduonu ahanum, ne apɔnkɔso asraafo ahansia.

32Timoteo ankasa de, oguan kɔɔ aban dennen a wɔfrɛ no Gasara no mu, beae a wɔabɔ ho ban ara yiye de awɛmfo dɔm ahyɛ hɔ ma. Ɛhɔ na Kaerea yɛ sahene no.

33Eyi yɛɛ Makabe ne ne dɔm no dɛ, na wotwaa aban no ho hyiae ara nnanan.

34Nnipa a wɔwɔ mu no, ɛnam awerɛhyɛm a wɔwɔ no wɔ beae no den a ɛyɛ ho nti, wɔkɔɔ so kekaa nsɛmfi, na wɔbɔɔ adapaa nso.

35Na da a ɛto so anum no anɔpatutu, esiane wɔn kasafi no nti, mmerantewa aduonu bi a wofi Makabe asraafo no mu, de abufuhyew ne akokoduru tow hyɛɛ wɔn so, kunkum obiara a wohuu no.

36Ebinom nso a wɔfaa saa kwan yi ara no, ne atamfo no dii asi, na wɔtoo abantenten no mu gya. Wɔsosɔɔ gya na wɔhyew nsɛmmɔnedifo no anikan. Afoforo nso bubuu apon no na wɔmaa asraafo nkae no kwan baa ahenkurow no mu.

37Wokum Timoteo a na wakohintaw asubura bi mu no, ɔne ne nua Kaerea, ne Apolofane.

38Wowiee eyinom nyinaa yɛ no, wɔde nnwom ne aseda maa Awurade. Ɔno na n'ayamye nti Israel adi nkonim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help