1 no fii Lakis baa Yerusalem ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duru bae; na obegyinaa atifi tare a ɛwɔ ɔtamahorofo asasewa tempɔn no so no suka ho.
3Yes 22.20 Na Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa, fii adi kɔɔ ne nkyɛn.
4Yes 36.13 Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛse, Asaria hene no se ni: Dɛn koraa na wode wo ho to so yi?
5Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, ɛhena so na wode wo ho to na wotew me so atua yi?
6Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abu a sɛ obi tweri a, ɛwɔ ne nsam hwirew mu no: Saa na Misraim hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.
7Na sɛ wuse me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho to a, so ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka yi anim na monsɔre, no?
8Na afei, wo ne me wura, Asaria hene, nto nkyia ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa.
9Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nti wode wo ho akɔto Misraim so yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewaa mu safohene biako?
10Na afei, so mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ mebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.
11Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa mu, na yɛn de, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn mma nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no nnte.
12Na Rabsake no se: Me wura asoma me wo ne wo wura ne mmarima a wɔtete ɔfasu yi so nkyɛn a wadome wɔn te sɛ mo, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara?
13 Yes 36.4 Ɛnna Rabsake gyinae, na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu sɛ: Muntie ɔhenkɛse, Asaria hene no, asɛm!
14Sɛ ɔhene se ni: Mommma Hesekia nnnyigye mo, na ɔrentumi nnye mo,
15nanso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Ogye ara na AWURADE begye yɛn, wɔremfa kurow yi nhyɛ Asaria hene nsa.
161 Ah 4.25; Mika 4.4 Munntie Hesekia! Na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bedi n’ankasa ne bobe ne n’ankasa ne borɔdɔma, na wanom n’abura mu nsu
17akosi sɛ mɛba mabɛfa mo makɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsa asase, aduan ne bobe nturo asase.
18Yes 10.10; 37.12 Na mommma Hesekia nnto mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn: So amanaman anyame mu biara agye n’asase afi Asaria hene nsam?
19Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, so wɔagye Samaria afi me nsam?
20Nsaase yi anyame nyinaa mu henanom na wɔagye wɔn asase afi me nsam, na AWURADE rebegye Yerusalem afi me nsam?
21Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe ne sɛ: Mummmua no!
22Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa de wɔn ntade a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.