1Obiara a ɔde ne nsa ka ade a eyi hua no gu ne ho fi,
na obiara nso a ɔde ne ho
bɔ ɔhantani ho no te sɛ ɔno ara.
2Mma ade a emu yɛ duru a wuntumi so,
na mfa wo ho mmɔ onipa a
ɔyɛ ɔkatakyi anaa ɔwɔ sika sen wo ho.
Ɛbɛyɛ dɛn na kutu de ne ho bɛbɔ dadesɛn ho?
Dadesɛn no de ne ho ka no ara pɛ a, ɛbɛbɔ.
3Osikani fom, na ɔbɔ adapaa nso ka ho;
ohiani di nea enye ho yaw,
na obu kotodwe ka ho.
4Sɛ wo ho wɔ mfaso a,
osikani besisi wo
na sɛ ehia wo a, worenhu no.
5Sɛ wowɔ biribi a, ɔne wo bɛtena
atwetwe w’agyapade nyinaa,
na ɛmfa ne ho.
6Sɛ ehia wo a, ɔbɛdaadaa wo.
Ɔne wo bɛsereserew
na wahyɛ wo nkuran.
Ɔne wo bɛkasa abotɔyam so,
abisa wo se: Dɛn na ehia wo?
7Ɔde n’aduan bɛtaataa wo,
akosi sɛ obedidi wo ho mprenu, anaa mprɛnsa;
na awiei no waserew wo,
na akyi yi ohu wo a, obetwa wo ho,
na wawosow ne ti akyerɛ wo.
8Hwɛ yiye na woaman anyera,
na w'anim angu ase
mmere a w'ani agye.
9Sɛ okunini bi to nsa frɛ wo a, mma wo ho so;
na wahyia wo atoatoa so.
10Mpia wo ho nkɔ kan,
anyɛ a w'ani bewu;
nnyina hɔ komm
anyɛ a na wɔn werɛ afi wo.
11Wo ne no nyɛ sɛ wo yɔnko tipɛnfo,
na wo ne no mmɔ nkɔmmɔ tenten,
efisɛ ɔnam ɔne wo kasa tenten so behu nea wodwene,
na bere a ɔserew kyerɛ wo no
na ɔhwehwɛ wo nneyɛe mu.
12Otirimmɔdenfo ne nea ontumi mfa w'asɛm nsie;
ɔrennyae sɛ ɔde wo bɛto yaw mu anaa afiase.
13Ma w’asɛm nka wo tirim na wɛn wo ho,
efisɛ ɛyɛ w'ankasa asehwe.
15Abɔde biara pɛ ne sɛso asɛm,
na onipa biara pɛ n'adamfo asɛm.
16Abɔde nyinaa de wɔn ho bɔ wɔn a wɔbɔɔ wɔn sɛ wɔn sɛso no ho,
na nnipa nso de ne ho bata
ne yɔnko nnipa ho.
17Dɛn na pataku ne oguammaa wɔ yɛ?
Na ɔdebɔneyɛni ne Nyamesuroni ntumi mfa nnamfo.
18Asomdwoe bɛn na ɛwɔ pataku ne sakraman ntam?
Ne ɔhonyani ne ohiani ntam?
19Afurum yɛ hanam ma gyata wɔ sare so;
na saa ara na ahiafo yɛ adidibea ma ahonyafo.
20Ahobrɛase yɛ akyide ma ahantafo;
na saa ara nso na ahiafo yɛ akyide ma asikafo.
21Sɛ osikani ho kyere no a,
ne mfɛfo so mu boa no;
na sɛ ɔhobrɛaseni bɔ fam a,
ne mfɛfo mpo, pia no to nkyɛn.
22Sɛ osikani nan watiriw a, n’aboafo dɔɔso;
ɔkeka nsɛm a ɛmfata, nanso wɔpene so ma no.
Nanso sɛ mmɔboroni bi wam a, wotwiw n'anim mpo ka ho;
ɔka anyansasɛm, nanso wɔnyɛ aso ntie no.
23Sɛ osikani rekasa a, obiara yɛ komm tie no,
na wɔkamfo nea ɔka no kɔ akyi tɔnn.
Nanso sɛ ohiani rekasa a, wobisa sɛ: Na hena ni?
Na sɛ ohintiw a, wopia no bɔ fam ka ho mpo.
24Ahonya ye, sɛ bɔne biara mmata ho a;
wɔn a wonnim Nyame no, na wohu ohia sɛ mmusubɔ.
25Onipa komam nsɛm sakra n’animdua,
ma wohu sɛ papa anaa bɔne.
26Sɛ anigye wɔ komam a ɛma onipa animdua yɛ fɛ,
mmom sɛ wohwehwɛ mmebusɛm a,
ehia nsusuwho pii.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.