Yesaia 52 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE begye Yerusalem

1Sion, nyan ɛ, nyan ɛ!

Hyɛ w’ahoɔden!

Yerusalem, kurow kronkron,

hyɛ w’anuonyam atade!

Na momonotoni ne nea ne ho ntew

bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio.

2Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre,

tena ase! Sion babea a wɔafa wo dommum,

sansan wo kɔn mu nkyehama!

3 Yes 50.1 Na sɛ AWURADE se ni: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo.

4Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Me man sian kɔɔ Misraim kan kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na Asaria nso hyɛɛ wɔn so kwa.

5Hes 36.20 Na afei, dɛn na mewɔ meyɛ wɔ ha, AWURADE asɛm ni, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wodi wɔn so no teɛteɛm, AWURADE asɛm ni; na wɔka me din ho abususɛm daa yi, daa adesae.

6Ne saa nti me man behu me din, ne saa nti da no ara wobehu sɛ me ara mene nea ɔka sɛ: Mini.

Wɔn a wɔagye wɔn no sanba

7 Nah 1.15; Rom 10.15; Sak 9.9 Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no

anan yɛ fɛ dɛn ara! Ɔka asomdwoesɛm,

ɔka papa ho asɛmpa,

ɔma wɔte nkwagye asɛm,

na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!

8 Yes 56.10; 62.6; Hes 3.17 Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so

wɔde ahurusi bom to dwom;

efisɛ wɔn ani tua sɛ

AWURADE resan aba Sion.

9Yerusalem amamfo,

mommom nto anigye dwom,

na AWURADE akyekye ne man werɛ,

wagye Yerusalem.

10 Yes 53.1 AWURADE ayi ne basa kronkron no ho,

amanaman nyinaa anim,

na asase ano nyinaa

ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

11 Yes 48.20; 2 Ko 6.17 Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ,

monnka ade a ɛho ntew;

mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho,

mo a mosoa AWURADE nnwinne no.

12 Eks 12.11 Na ɛnyɛ ɔhare so na mubefi adi,

na ɛnyɛ aguan so na mobɛnantew,

na AWURADE redi mo anim,

na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.

Onyankopɔn akoa no amanehunu

13 Yes 42.1 Hwɛ, m’akoa bedi yiye,

ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ.

14Sɛnea wo ho yɛɛ nnipa pii ahodwiriw no,

esiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa de,

na ne nipaban nte sɛ nnipa mma de bio no nti,

15 Yes 65.1; Rom 15.21 saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw,

na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho,

efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu,

na nea wɔntee da no, wɔte ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help