2 Makabe 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nhoma a wɔde kɔmaa Yudafo a wɔwɔ Misraim

1Anuanom a wɔwɔ Yerusalem ne wɔn a wɔwɔ Yudea asase so,

Kyerɛw koma anuanom a wɔwɔ Misraim.

Yekyia mo, na nokware asomdwoe nka mo.

2Onyankopɔn mma mo nnepa, na ɔnkae n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob, ne nkoa anokwafo no yɛe no.

3Ɔmma mo nyinaa nya koma pa mfa nsom no, mfa honhom pa ne ɔpɛ pa nyɛ n'apɛde.

4Ommue mo komam na munhu ne mmara ne n'ahyɛde, na ɔmma mo asomdwoe.

5Ontie mo mpaebɔ, na ɔnka mo ho, na ɔmmpa mo akyi ɔhaw bere yi mu.

6Yɛrebɔ mpae ama mo saa bere yi mu ara wɔ ha.

7Demetrius ahenni, afe a ɛto so ɔha aduosia akron mu no, na yɛn Yudafo yi, kyerɛw mo nhoma yi, bere a amanehunu yayaayaw too yɛn wɔ saa mfe a Yason ne ne dɔm tew atua fii asase kronkron no so, ne ahemman no mu no.

8na ɔhyew ponkɛse no na ohwiee mogya a edi bem gui. Yɛbɔɔ AWURADE mpae na otiee yɛn, na yɛde aburow afɔrebɔde baa n'anim, na yɛsosɔɔ akanea, na yɛde abodoo no baa n'anim.

9Na afei monhwɛ nni asese afahyɛ no wɔ Kislew wɔ afe a ɛto so ɔha aduɔwɔtwe awotwe no mu.

Nhoma a ɛto so Abien

10Nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne wɔn a wɔwɔ Yudea ne Yudas ne atitiriwfo, de brɛ Aristobulus a ofi asɔfo a wɔasra wɔn ngo no abusua mu a, ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ma Ptolemy, de kɔma Yudafo a wɔwɔ Egypt no.

Nkyia ne ahoɔden nka mo.

11Sɛ Onyankopɔn agye yɛn efi ɔhaw kɛse yi mu nti, ɛsɛ sɛ yɛda no ase pii sɛ, obedii yɛn afa de tiaa ɔhene no.

12Efisɛ ɔpam wɔn a wɔko tiaa kurow kronkron no fii hɔ.

131 Mak 6.1-4; 2 Mak 9.1-10 Bere a ɔsahene no de n'akofo a wohwɛ a, wontumi nnyina wɔn anim no, duu Persia no, Nanea bosomfo bi sɔre fii n'abosonnan mu, daadaa wɔn twitwaa wɔn mu asinasin.

14Ɔnam nnaadaa kwan so pɛe sɛ, abɛware no nti, Antiokus ne ne nnamfo baa ɔbea no nkyɛn sɛ wɔrebɛgye n'agyapade no mu fa kɛse ara sɛ ne ti ade.

15Bere a ɔsɔfo a ɔwɔ Nanea abosonnan no mu buebuee n'agyapade so, na Antiokus ne n'akyidifo kakra aba abosomfi hɔ no; pɛ na wɔtoo pon no mu.

16Wobuee ahintawee pon no a ɛwɔ nsɛmso no, na wɔtotow abo de kunkum wɔn sahene no ne ne nkurɔfo no, na wotwitwaa wɔn ti, na totow wɔn amu no guguu abɔnten de maa nkurɔfokuw no.

17Nhyira nka yɛn Nyankopɔn wɔ akwan nyinaa mu; ɔno na ɔde atemmu aba wɔn a wonni nyamesuro so.

Nehemia bɔ ɔhyew afɔre

18Efisɛ, efi Kislew da a ɛto so aduonu anum no, yɛbɛhyɛ fa a ɛyɛ asɔrefi ahotew afahyɛ no, na yɛadwen ho sɛ ehia sɛ yɛbɛma mo aso ate, ama mo nso adi asese afahyɛ ne ogya afahyɛ a, wɔhyehyɛɛ no bere a Nehemiah sii asɔrefi no ne afɔremuka no, na ɔbɔɔ so afɔre no.

19Efisɛ, bere a wɔfaa yɛn agyanom nnommum de wɔn kɔɔ Persia no, saa bere no mu, asɔfo nyamesurofo no faa afɔremuka no so gya no bi, na wɔde siee abura bi a nsu nni mu wɔ kokoam, na wɔyɛɛ ahwɛyiye sɛbeae hɔ obiara nnim hɔ.

20Nanso mfe pii twaam no, na bere a ɛsɔɔ Onyankopɔn ani no, Persiahene maa Nehemia kwan, somaa asɔfo a wɔde gya no asie no asefo sɛ, wɔnkɔfa gya no. Na bere a wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ wɔanhu gya na mmom ngo tinann bi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa mmra.

21Na bere a wɔde nneɛma a wɔde afɔrebɔde no bae no, Nehemia maa asɔfo no de ngo no petepetee nnyina ne nneɛma a wɔde agugu so no so.

22Wɔyɛɛ saa, na bere kakra twaam mu no, na awia a akata wim no hyerɛn no, ogyatanaa bi maa ne ho so maa obiara ho dwiriw no.

23Na bere a afɔre no rehyew no, asɔfo no bɔɔ mpae, wɔn ne nkorowankorowa biara. Yonatan na odii wɔn kan na nkaefo no so gyee so, Nehemia nso yɛɛ saa ara.

Nehemia mpaebɔ

24Mpae a wɔbɔe no mu nsɛm ni:

Ao! AWURADE, AWURADE Nyankopɔn,

ɔbɔade a wobɔɔ ade nyinaa,

wo ho yɛ hu, w'ahoɔden so

woteɛ na wo yam ye

wo nkutoo na wodi hene,

na woyɛ mmɔborohunufo.

25wo nko ne ade nyinaa wɔ wo,

wo nko na pɛyɛ wɔ wo,

wo so na wote hɔ daa,

wo na wogyee Israelfo,

fii wɔn haw nyinaa mu,

wopaw agyanom na wotew wɔn ho.

26Gye afɔrebɔ yi

wɔ wo nkurɔfo Israelfo nyinaa nti,

na fa wo kyɛfa no sie na tew ho.

27Boaboa wo nkurɔfo

a wɔapete no nyinaa ano,

na ma wɔn a wɔayɛ nkoa

wɔ amanaman mu no fawohodi.

Hwɛ wɔn a wɔapo wɔn na wobu

wɔn animtiaa no so

na ma amanaman mufo

nhu sɛ woyɛ Onyame

28Twe wɔn a wɔhaw wo nkurɔfo

na wommu hwee na wɔyɛ dwae no aso

29Fa wo nkurɔfo sisi

wo kronkron bea,

sɛnea Mose kae no.

30Afei asɔfo no too nnwom.

31Na bere a afɔrebɔ nneɛma no nyinaa ahyew no, Nehemia hyɛɛ sɛ ngo a aka no wɔnhwie ngu abo akɛse so.

32Wɔyɛɛ eyi no, ogyaframa tu kɔɔ wim; na bere a hann fi afɔremuka no so bae no, ogyaframa no dumii.

33Bere a asɛm yi daa adi no, wɔkɔbɔɔ Persia hene amanneɛ sɛ baabi a atukɔfo asɔfo no de ngo no kohintawee no, gya apue hɔ ma Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no, de abɔ ɔhyew afɔre.

34Na ɔhene hwehwɛɛ nsɛm no mu wiei no, ogyee beae hɔ ban hyiae, na ɔyɛɛ hɔ sorɔnsorɔnmmea.

35Na wɔn a wonyaa ɔhene anim dom no, nyaa akyɛde a ɛsom bo pii.

38Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no, frɛɛ eyi sɛ: Nefata, a ne nkyerɛase ne: Ntewho, nanso nkurɔfo pii frɛɛ no Neftai.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help