1Ɔtemmufo nyansafo kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo,
na onipa trenee ahenni wie pɛyɛ.
2Sɛnea wɔn temmufo te no,
saa ara na wɔn mpanyimfo te;
na sɛ kuropɔn so hwɛfo te no,
saa ara na emu nkurɔfo nso te.
3Ɔhene a ne bra nyɛ fɛ no,
sɛe ne nkurɔfo,
na kurow tu mpɔn,
esiane ntease a adikanfo no wɔ nti.
4Asase so amansodi wɔ AWURADE nsam,
na aman no so
na obeyi ahwɛsofo pa
bere a ɛsɛ mu.
5Onipa ne yiyeyɛ wɔ AWURADE nsam,
na ɔno ara na ɔhyɛ mmarakyerɛfo anuonyam.
Ahantanfo bɔne6Mma wo bo mfuw wo yɔnko
wɔ ɔfom biara ho,
na nyɛ ahantan biara.
7Ahantan yɛ akyiwade wɔ AWURADE ne nnipa anim,
na ntɛnkyew yɛ abufuw
ma wɔn baanu nyinaa.
8Tumi fi ɔman biako so kɔ foforo so,
esiane nsisi, ahantan, ne sika nti.
9Ɛbɛyɛ dɛn na mfutuma ne nso ama ne ho so?
efisɛ asetena mu mpo no
ɔhonam pɔrɔw.
10Yare koankrɔ ma oduruyɛfo tirim yɛ no basaa,
ɔhene a ɔte hɔ nnɛ, ɔkyena na wawu.
11Na sɛ onipa wu a,
n'agyapade a onya ara ne funu mu mmoa.
12Onipa ahantan mfiase ne sɛ,
ɔtwe ne ho fi AWURADE ho;
na oyi ne koma fi ne Bɔfo no ho.
13Na ahantan mfiase yɛ bɔne,
na nea ɔyɛ ahantan no yɛ akyide,
Nti AWURADE ma ahoyeraw a
ebi mmae da bɛsɛe wɔn koraa.
14 1 Sa 2.8; Luka 1.52 AWURADE na otutu adikanfo ahengua,
na ɔde ahobrɛasefo tenetena wɔn ananmu.
15AWURADE na otutu amanaman ase ntini,
na ɔde ahobrɛasefo si wɔn ananmu.
16AWURADE ma amanaman nsaase da ntuw,
na ɔsɛe wɔn kodu asase no fapem ase.
17Oyiyi wɔn mu binom na ɔsɛe wɔn,
na ɔpepa wɔn nkae da fi asase so.
18Wɔammɔ ahantan amma nnipa,
anaa abufuw dennen amma
onipa a ɔbea awo no.
Onipa a ɔfata ayeyi19Hefo asefo na wɔfata nidi?
ɛyɛ nnipa asefo.
Hefo asefo na wɔfata nidi?
Ɛyɛ wɔn a wosuro AWURADE no.
Ɛhefo asefo na wɔnnsɛ nidi?
Ɛyɛ adasamma.
Ɛhefo asefo na wɔnnsɛ nidi?
Ɛyɛ wɔn a wɔto mmara no.
20Abusua mu mpo no, wɔn mpanyimfo, fata nidi,
nanso wɔn a wosuro Awurade no,
fata nidi wɔ n’ani so.
22Ahonyafo, nnipa titiriw, ne ahiafo,
wɔn nyinaa anuonyam ne AWURADE suro.
23Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔpo
onyansafo bi a ɔyɛ ohiani,
na ɛnyɛ fɛ sɛ woyi ɔdebɔneyɛni bi ayɛ
24Ahenemma, ne ɔtemmufo ne
ɔman so difo nyinaa benya nidi,
nanso wɔn mu biara nyɛ kɛse nsen
onipa a osuro AWURADE.
25Ɔman mma a wɔte wɔn ho so,
bɛsom akoa anyansafo,
na onipa nyansafo no
renkasakasa wɔ ho.
Ahobrɛase26Mfa wo nyansaa nhoahoa wo ho,
bere a woreyɛ w’adwuma,
na nkyerɛ wo ho
bere a wowɔ ahokyere mu.
27Odwumayɛfo a ɔwɔ nneɛma pii no ye,
sen ɔhokyerɛfo a onni hwee.
28Me ba, fa ahobrɛase bɔ wo ho so,
na twetwe nidi a ɛfata ma wo ho.
29Hena na obebu wɔn a wɔyɛ bɔne
tia wɔn ankasa ho no bem?
Na hena na ɔde nidi bɛma onipa a
ommu ne ho?
30Wobu ahiafo, wɔn nimdeɛ nti,
na asikafo de, wobu wɔn
wɔn ahonya nti.
31Onipa a wodi no ni wɔ ne hia mu mpo no,
na mpo sɛ onya ne ho ɛ!
na nea n’ahonya mu mpo wobu no no,
na menne sɛ ahia no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.