1Ɛbere no mu no, Yeroboam ba Abigya yaree.
21 Ah 11.31 Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre sakra wo ho, na wɔanhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na odiyifo Ahia wɔ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ medi ɔman yi so hene.
3Na fa abodoo du ne tetare ne ɛwo toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn: Ɔno na ɔbɛka wo nea ɛbɛyɛ abofra yi.
4Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na osiim kɔɔ Silo, na oduu Ahia fi. Nso Ahia nhu ade, na akorabɔ nti n’aniwa agyen.
5Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abebisa wo hɔ asɛm, ne ba ho, efisɛ ne ba no yare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no.
Efisɛ sɛ ɔba a, ɔbɛsakra ne ho ayɛ sɛ obi foforo.
6Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɔpon ano no, ɔkae sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakra wo ho ayɛ sɛ onipa foforo yi? Na me de, wɔde asɛnnennen asoma me wo nkyɛn.
71 Ah 11.37; 16.2 Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ memaa wo so wo man no mu na misii wo me man Israel so panyin,
8na metew ahenni no fii Dawid fi mede memaa wo, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so no nko,
9na woayɛ bɔne asen wɔn a wodii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforo ne ahoni a wɔagu sɛ wode rehuru me bo, na woatow me akyene w’akyi nti,
101 Ah 15.29; 21.21 hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fi so, na matwa Yeroboam fi barima biara ne Israel mu akoa ne ɔdehye, na mapra madi Yeroboam fi akyi sɛnea obi pra fi kosi sɛ ɛsa.
111 Ah 16.4; 21.24 Yeroboamni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam, AWURADE na aka.
12Na wo de, sɔre kɔ wo fi; na wo nan si kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu.
13Na Israel nyinaa begyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam de a ɔbɛkɔ ɔda mu, efisɛ ɔno mu na wɔahu adepa bi AWURADE Israel Nyankopɔn fam, Yeroboam fi.
141 Ah 15.29 Na AWURADE bɛma ɔhene so Israel so a ɔbɛsɛe Yeroboam fi. Ɛda no ni! Na dɛn na aba yi?
152 Ah 17.23 Na AWURADE bɛbɔ Israel sɛnea demmire wosow nsu mu, na watutu Israel afi asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, esiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.
161 Ah 12.30; 13.34 Na Yeroboam bɔne a ɔyɛe na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, obegyaa Israel mu ama.
17Na Yeroboam yere no sɔre siim kɔɔ Tirsa; na oduu ɔdan no apongua ase de so no, abofra no wui.
18Na wosiee no, na Israel nyinaa gyam no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa odiyifo Ahia so kae no te no.
19Na Yeroboam ho nsɛm nkae, sɛnea odii ako ne sɛnea odii ne hene fae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.
201 Ah 15.25 Na nna a Yeroboam de dii hene si mfe aduonu abien; na otiw n’agyanom kɔɔ asaman, na ne ba Nadab bedii n’ade.
Rehoboam di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 11.5—12.15)21 1 Ah 12.17 Solomon ba Rehoboam dii hene Yuda no, na wadi mfirihyia aduanan biako na odii hene mfirihyia dunsɔn, Yerusalem, kurow a AWURADE fa fii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
22Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔde ninkuntwe hyɛɛ no sen nea wɔn agyanom de wɔn bɔne a wɔyɛe no hyɛɛ no no.
232 Ah 16.4 Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne Asera nnua, nkoko sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.
24Deut 23.17 Na mmarima nguaman nso wɔ asase no so; wɔyɛe sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide nyinaa te.
25 1 Ah 11.40 Na ɔhene Rehoboam afe a ɛto so anum so no, Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem so.
261 Ah 10.16 Na ɔfaa AWURADE fi akorade ne ahemfi akorade, nyinaa kɔe; na ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛe no nyinaa nso.
27Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ ammirikatufo a wɔhwɛ ahemfi pon ano no so asafohene nsa.
28Na da biara a ɔhene rekɔ AWURADE fi no, ammirikatufo no kurakura, na wɔde san besie ammirikatufo pia mu.
29Na Rehoboam ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe no nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?
301 Ah 15.6 Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa.
311 Ah 14.21 Na Rehoboam tiw n’agyanom kɔɔ asaman, na wosiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kurow mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bedii n’ade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.