Hiob 12 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hiob ma mmuae

1Na Hiob buae sɛ:

2Yoo mone ɔman no nne,

na muwu a, nyansa nso bewu.

3Me nso, mewɔ koma sɛ mo,

me de, merentɔ mu mo anim;

na hena na onnim nneɛma a ɛte sɛɛ yi?

4Nea ne yɔnko serew no ne me,

nea osu frɛɛ Onyankopɔn na ogyee no so,

wɔserew ɔtreneeni a odi mu no.

5Nea ɔte hɔ dwoodwoo no tirim de,

animtiaabu na ɛfata amanehunu,

ɛne nea wɔasiesie ama wɔn a wɔn nan watiriw.

6Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo,

na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm,

wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.

7Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo,

ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo.

8Anaasɛ gyen asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo,

na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu

sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyi?

10 Num 16.22 Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ,

ne adasamma nyinaa ahonhom.

11So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na dodom nso ka aduan hwɛ?

12 Hiob 8.8 Nkwakoraa mu na nyansa wɔ,

na onyinkyɛ ma nhumu.

13Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ,

ɔno na afotu ne nhumu wɔ no.

14Hwɛ, oburuw, na wɔrento,

ɔto onipa mu, na wɔremmue.

15 1 Ah 17.1, 7; Gye 7.19-23 Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow,

nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.

16Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ,

nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea.

17Ɔpa amananiwafo ho de wɔn kɔ,

na ɔma akannifo dan nkwasea.

18Ɔsan ahene nkyehama,

na ɔde nhama kyekyere wɔn asen;

19ɔpa asɔfo ho de wɔn kɔ,

na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;

20ɔma anotewfo gyae kasa,

na ogye mpanyimfo nimdeɛ;

21ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so,

na ohodwow nnɔmmarima abɔso mu;

22oyi ade kuronkuron adi fi sum mu,

na ɔde sum kabii fi ba hann mu;

23ɔma aman nya nkɔso, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛw amanaman mu, na otu wɔn kɔ;

24ogye asase so aman mu atitiriw koma;

na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so;

25 Hiob 5.14 wɔkeka sum a hann nni hɔ mu,

na ɔma wokyini sɛ asabofo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help