Ester Nhoma 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhene lɛtɛ no

1Ɔhene lɛtɛ no, sɛso ni: Ɔhene Kokuroko Ahas-weros kyerɛw eyi de kɔma Asoafo wɔwɔ n'amansin ɔha aduonu ason mu, fi India kosi Etiopia, ne mpanyimfo a wɔhyɛ wɔn ase nyinaa.

2Esiane sɛ midi wiase nyinaa, ne aman pii so hene, na memfa me tumi no nsusuw ade bɔne bi, na mmom daa mede ayamye bu ɔman yi, na mebɔ mmɔden sɛ ɔmanfo bɛtena asomdwoe mu, na wɔatumi atwa wɔn ho sɛnea wɔpɛ nti,

3mibisa m'afotufo, nea ɛbɛyɛ na eyi akɔ so a, Haman a ɔyɛ ɔfotufo pa, na wayi ne ho adi sɛ, ɔbɛkɔ so ayɛ nea eye daa, na ɔto so abien wɔ ahemman yi mu no,

4daa no adi wɔ yɛn mu sɛ, nnipa bɔne bi apete wiase nyinaa, a ɛsono wɔn mmara ne afoforo de, na daa ne daa, wobu ɔhene ahyɛde so, nea ɛbɛyɛ a, biakoyɛ a yɛhwehwɛ no wɔ ɔman yi mu bɛbɔ yɛn.

5Yenim sɛ saa nkurɔfo yi nkutoo, na daa, wosiw aman nyinaa kwan. Wɔn abrabɔ, ne wɔn mmara yɛ hu, na wɔmpɛ aban biara yiye. Wɔbɔ mmɔden sɛ ahemman yi bɛsɛe.

6Enti yɛahyɛ sɛ: Nea Haman a ɔyɛ ɔman yi agya a, ɔto so abien no, akyerɛw sɛ, ɔsram dumien no da a ɛto so dunan no, Adar, wɔ afe no mu ara no, wɔmfa nkrante nkunkum wɔn yerenom, ne wɔn mma nyinaa. Wonhu obiara mmɔbɔ.

7Sɛnea ɛbɛyɛ a, asoɔdenfo a, wɔaprim wɔn koma no nam ahoyeraw so bɛkɔ asaman da koro. Na eyi akyi no, aban yi ho bɛtɔ no koraa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help