1
9Onyankopɔn, yɛkaee w’adɔe w’asɔrefi hɔ,
10Onyankopɔn, sɛ wo din te no,
saa ara na w’ayeyi te de kosi asase ano ano;
trenee ahyɛ wo nsa nifa ma.
11Ma Sion bepɔw ani nnye,
ma Yuda mmabea nni ahurusi, w’atemmu nti.
12Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn,
monkan n’abantenten,
13momfa mo ani nkari n’afasu,
monhwehwɛ n’aban mu yiye,
na moaka akyerɛ awo ntoatoaso a ebedi mo akyi no,
14 Yes 25.9 sɛ saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa,
ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
