1Bere a amanaman mufo no tee sɛ wɔasi afɔremuka no foforo, na wɔatew hyiadan no ho sɛnea ɛte kan no, wɔn bofuwii yiye,
2na wosii wɔn bo sɛ wɔbɛsɛe Yakob asefo a wɔte wɔn mu no. Enti wofii ase kunkum wɔn, sɛe wɔn.
3Nanso Yuda ne Esau asefo nyaa ɔko wɔ Idumea wɔ Akrabatene efisɛ na wɔda so tɛw Israelfo no. Ɔhwee wɔn papa, brɛɛ wɔn ase, na ɔsɛe wɔn.
4Ne werɛ amfi Baean mma amumɔyɛde. Na wɔyɛ sɔhwɛ ne ɔhaw ma nnipa no. Wɔtɛw wɔn wɔ akwantenpɔn so.
5Ɔde wɔn too wɔn abankɛse mu, ɔtɛw wɔn, kaa ntam sɛ, ɔbɛsɛe wɔn koraa, na wahyew wɔn aban, ne nnipa a ɛwom nyinaa.
6Afei otwa kɔtoaa Amonfo no, na ohuu akuw ne nnipa pii a Timoteo yɛ wɔn dikanfo.
7Ɔne wɔn koe pii, na odii wɔn so.
8Odii Yase ne ɛho nkuraa nyinaa so nkonim na ɔsan baa Yudea.
Yudafo a wofi Galilea no ahofadi9Afei amanaman mufo a, wɔte Gilead no kaa wɔn ho boom de tiaa Israelfo a, wɔte wɔn nsaase so no, sɛ wobekum wɔn. Nanso woguan kɔ hyɛɛ abandennen a ɛwɔ Datema no mu.
10Na wɔde lɛtɛ kɔmaa Yuda ne ne nuanom sɛ: Amanaman mufo no abɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe yɛn.
11Wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔrebɛtoa abandennen a yɛaguan abɛhyɛ mu no, na Timoteo ne wɔn dikanfo.
12Enti bra begye yɛn fi wɔn nsam, efisɛ yɛn mu pii ayɛ mmerɛw.
13Na wɔakunkum yɛn abusuafo a wɔte Tob asase so no nyinaa, atamfo no afa wɔn yerenom, mma ne agyapade nnommum, na wɔakunkum nnipa mpemmpem nso wɔ hɔ.
14Bere a wɔrekenkan lɛtɛ no, asomafo foforo, a wɔn ntade atetew fi Galilea bae bɛkaa asɛnkoro no ara.
15Wɔkae sɛ: Polemifo, Tirofo, Sidonfo ne amanaman mufo a wɔte Galilea nyinaa aka abom sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa.
16Wɔtee asɛm yi no, wɔfrɛɛ nhyiam kɛse, sɛ wɔde resusuw nea wobetumi ayɛ de aboa wɔn nuanom a ɛwɔ ɔhaw mu a, atamfo atow ahyɛ wɔn so no ho.
17Afei Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simon sɛ: Paw wo mmarima na wonkoyi w'abusuafo no mfi Galilee. Me ne me nua Yonatan nso bɛkɔ Gilead.
18Nanso ogyaw Sakaria ba Yosef, ne Asaria, a ɔyɛ nnipa no kannifo, ne dɔm no nkae wɔ Yudea sɛ wɔnwɛn hɔ.
19Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ nnipa yi so, na mo ne amanaman mufo no nko kosi sɛ yɛbɛba.
20Afei woyii asraafo mpensa kaa Simon ho sɛ wɔnkɔ Galilea, ne nnipa mpemnwɔtwe kaa Yuda ho kɔɔ Gilead
21Enti Simon kɔɔ Galilea, ne aman aman mufo no kodii ako pii na odii wɔn so.
22Ɔtaa wɔn ara koduu Polema pon no ano, na okunkum amanaman mufo no bɛyɛ nnipa mpensa.
23Afei ogyee Yudafo a wofi Galilea ne Arbata, ne wɔn yerenom ne wɔn mma, ne wɔn agyapade nyinaa, de anigye baa Yudea.
Yuda ne Yonatan wɔ Gilead24Yuda Makabe ne ne nua Yonatan twaa asubɔnten Yordan, twaa nnansa kwan kɔɔ sare so.
25Wohyiaa Nabatefo no na wohyiaa wɔn kwan asomdwoe mu, na wɔkaa nea ato wɔn abusuafo a wɔte Galead no.
26Wɔn mu dodow no ara aka wɔ Bosra, Boso, Alema, Kaspo, Maked ne Karnaim. Saa nkurow yi nyinaa te apɔw na ɛsoso nso.
27Na nnipa no bi nso akam wɔ Galead nkurow bi mu. Nso atamfo no ayɛ krado rebɛtoa wɔn mpasua no ɔkyena, akyere wɔn asɛe saa nnipa yi nyinaa da koro.
28Afei Yuda ne n'asraafo no yɛɛ ntɛm san wɔn akyi de ahoɔhare faa sare so kwan no koduu Bosra, gyee kurow no, de nkrante kum ɔbarima biara, afei wogyee wɔn agyapade nyinaa, hyew no.
29Ofii beae hɔ anadwo no, na wɔkɔe ara koduu Datema abandennen ho.
30Ahemadakye no wɔhwɛe na wohuu asraafo pii a wontumi nkan wɔn, a wokurakura akode ne mfiri de rebɛtoa Yudafo a ɛwɔ aban no mu no.
31Enti Yuda hui sɛ ɔko no ahyɛ ase, na nnipa no su ne wɔn torobɛnto nne ne wɔn nteɛm no adu soro.
32Na ɔka kyerɛɛ n'asraafo no sɛ: Nnɛ monko mma mo nkurɔfo.
33Afei ɔne n'asraafo kuw abiɛsa, hyɛn trobɛnto, na wosu bɔɔ mpae dennennen.
34Na mmere a Timoteo huu sɛ ɛyɛ Makabe no, woguan fii n'anim. Na ɔsɛe ade pii. Nnipa dɔm bɛboro mpemnwɔtwe totɔe saa da no.
35Ɛno akyi ɔkɔtoaa Maafafo ne wɔn koe, dii wɔn so, kunkum wɔn mmarima nyinaa, tasee asade, na ɔde ogya hyewee kurow no.
36Ofi hɔ kɔɔ Kasfo, Maked, Boso, ne Gilead nkurow ahorow so, kodii wɔn so.
37Eyinom akyi no, Timoteo boaboaa asraafo foforo ano, na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Rafon nhwɛanim, fa baabi.
38Yuda somaa akwansrafo, kɔhwɛɛ mpasua no na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: Amanaman mufo no pii abɛka ne ho, na okura dɔm kɛse pa ara.
39Na wɔakogye Arabiafo aba sɛ wɔmmɛko mmoa wɔn, na wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ asu no agya, sɛ wɔne wo bɛko. Na Yuda ne wɔn de kɔbɔɔ ani.
40Afei Yuda ne n'asraafo no bɛn asu no, na Timoteo ka kyerɛɛ n'asraafo mpanyimfo no sɛ: Sɛ odi kan twa asu no ba pɛ a, yentumi nnyina n'anim, obedi yɛn so.
41Na sɛ ɔbɔ hu, na ɔbɔ nsra wɔ asuogya hɔ a, yebetwa akɔ no so, adi no so nkonim.
42Bere a Yuda rebɛn asu no, ɔde n'asraafo mpanyimfo tenaa asu no ho hyɛɛ wɔn sɛ: Mommma obiara ntena ha, mmom wɔnhyɛn ɔko no mu.
43Afei odii kan twaa asu no ne wɔn kɔkoe, na asraafo nkae no dii n'akyi. Odii amanaman mufo no nyinaa so nkonim, ma wɔtotow wɔn akode gui, guan kɔhyɛɛ Karkaim kronkronbea hɔ.
44Odii kurow no so, na ɔhyew wɔn kronkronbea hɔ ne nea ɛwom nyinaa. Sɛnea wodii Karkaim so nkonim no, na obiara antumi annyina Yuda anim bio.
Wɔsan ba Yerusalem45Afei Yuda boaboaa Yudafo a ɛwɔ Galead no ano, efi atitiriw so, kosi nkumaa so, wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn agyapade, dɔm kɛse pa ara, siim, kɔɔ Yuda.
46Enti wobeduu Efron. Ɛha yɛ kurow kɛse, a ɛda kwan no mu, wɔte apɔw nso, wontumi ntwa ho nhyia mfa benkum anaa nifa, gye wofa mu.
47Nanso nnipa no, totoo wɔn ho apon mu, de abo guguu apon no akyi.
48Yuda de nkra a ɛyɛ dɛ kɔmaa wɔn sɛ: Momma yɛmfa mo asase so nkɔ yɛn de so. Obiara renhaw mo, yɛbɛnantew kɛkɛ atwam. Nanso wɔammue no.
49Enti Yuda hyɛɛ asraafo no sɛ: Obiara ntena nea ɔte.
50Enti obiara tenaa nea ɔte, ne kurow no koe anadwo ne awia, kosii sɛ wogyee kurow no.
51Ɔde nkrante kunkum mmarima no nyinaa, sɛe kurow no faa mu asade. Afei ɔfaa kurow no mu tiatiaa amu no so.
52Afei otwaa asubɔnten Yordan no kɔɔ petee a ɛda Betsan anim no so.
53Yuda kɔɔ so boaboaa nnipa no ano, hyɛɛ wɔn nkuran, ara kosii sɛ woduu Yuda.
54Enti wɔde anigye kɔɔ Sion bepɔw so kɔbɔɔ afɔre, efisɛ wɔn nyinaa abedu fie dwoodwoo a, obiako mpo anwu.
55Afei bere a Yuda ne Yonatan wɔ Gilead, na wɔn nua Simon dii Polemi kan kɔɔ Galilea no,
56Sakaria ba Yosef, ne Asaria a wɔyɛ asraafo mpanyimfo no, tee mmarimasɛm a wodii wɔ ɔko no mu.
57Enti wɔkae sɛ: Ma yɛmpɛ din mma yɛn ho, ma yɛnkɔtoa amanaman mufo a atwa yɛn ho ahyia no.
58Enti wɔhyɛɛ asraafo a wɔne wɔn wɔ hɔ no, ma wɔkɔtoaa Yamnia.
59Gorgia ne n'asraafo fii adi ne wɔn kɔkoe,
60Na wodii Yosef ne Asaria so nkonim, na wɔtaa wɔn koduu Yudea ahye so. Saa da no nnipa mpennu wuwui.
61Enti nnipa no dii nkogu pii. Wɔpɛe sɛ wodi mmarimasɛm no, wɔantie Yuda ne ne nuanom.
62Nanso wɔnka abusua a, ɛnam wɔn so Israel benya fawohodi no ho.
63Yuda ne ne nuanom gyee din wɔ Israel ne amanaman mufo no nyinaa mu. Baabiara wɔbɔ wɔn din.
64Nkurɔfo baa wɔn nkyɛn beyii wɔn ayɛ.
Hebron ne Filistia nkonimdi65Afei Yuda ne ne nuanom fi ne Esau asefo kɔkoe wɔ asase no anafo. Ɔsɛe Hebron, bubuu wɔn aban hyew wɔn abantenten no nyinaa.
66Afei ɔdan n'ani Samaria kɔɔ Filistifo asase so.
67Saa da no asɔfo bi a wɔpɛe sɛ wodi mmarimasɛm no, totɔe ɔko no mu, efisɛ wɔamfa nyansa ankɔ ɔko no.
68Nanso Yuda de n'ani kyerɛɛ Asotu wɔ Filistifo asase so. Obubuu wɔn afɔremuka, de gya hyew wɔn anyame ahoni no, ɔfow wɔn nkurow mu nneɛma, na ɔsan baa Yuda asase so dwoodwoo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.