1Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, (efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɛ),
2na ɔhonam mu asetena bere a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Onyankopɔn apɛde.
3Efe 2.2-3; Tito 3.3 Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.
4Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne.
52 Tim 4.1 Wɔn na wobeyi ano akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no.
61 Pe 3.19 Na eyi nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufo nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔwɔ ɔhonam mu, na wɔatena ase honhom mu sɛ Onyankopɔn.
7 1 Ko 10.11; 1 Yoh 2.18 Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.
8Mmb 10.12; Yak 5.20 Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.
9Heb 13.2 Monyegye mo ho hɔho a huhuhuhu nni mu.
10Sɛnea mo nyinaa nyinyaa adom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn adom ahorow no ho afiehwɛfo pa.
11Rom 12.7 Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.
Amane a Kristo nti wohu12 1 Pe 1.6-7 Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo;
13Rom 8.17; Aso 5.41; Yak 1.2 na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.
141 Pe 2.20 Sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so.
15Na mommma mo mu bi nnhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu.
16Flp 1.20 Na sɛ ohu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ din yi mu.
17 Hes 9.6; Yer 25.29 Na bere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?
18Mmb 11.31; Luka 23.31 Na
sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye onipa trenee a,
ɛhe na nea ɔmfɛre Nyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfo begyina?
19 Nnw 31.5 Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.