1AWURADE na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no,
na otiee me.
2AWURADE, yi me kra fi atoro ano
fi nnaadaa tɛkrɛma mu.
3Dɛn na ɔmfa mma wo,
na dɛn na ɔmfa nka wo ho,
wo nnaadaa tɛkrɛma?
4Ɔde Ɔbran agyan hwirenhwiren
ne ogya nsramma na ɛbɛtwe w’aso.
5Minnue sɛ mabɛsoɛ Mesek
na matena Kedar ntamadan mu!
6Me kra ne wɔn a wɔtan asomdwoe
atena akyɛ dodo.
7Me de, meyɛ asomdwoeni,
nso mekasa a, wɔn de, wɔpɛ ɔko.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
