1 1 Ko 15.25; Heb 10.12-13 AWURADE asɛm a osee me wura ni:
Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo
mɛyɛ wo nan ase ntiaso.
2 Nnw 2.6 Wo tumidi poma no, AWURADE fi Sion bɛteɛ.
“Di hene w’atamfo mfinimfini!”
3 Nnw 29.2 Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no,
adurade kronkron mu,
wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.
4 Gye 14.18-20; Heb 5.10; 6.20; 7.17, 21 AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho:
Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so.
5Awurade a ɔwɔ wo nifa so no
bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no.
6 Nnw 2.2, 5, 9 Obedi amanaman mu asɛm,
ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.
Ɔbɛbobɔ ti, asase a ɛtrɛw so.
7 Flp 2.8-9 Ɔbɛnom ɔkwan ho asuten mu nsu,
enti na ɔbɛma ne ti so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
