Galatifo 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yɛnam Kristo ho gyidi so yɛ Onyankopɔn mma

1Na mise: Ɔdedifo no yɛ akokoaa yi, ɔyɛ nneɛma nyinaa wura de, nanso nsonoe biara nna ɔne akoa ntam,

2na mmom ɔwɔ ahwɛfo ne afiesohwɛfo ase de kosi da a agya no ahyɛ asie.

3Gal 3.23; 5.1; Kol 2.20 Sɛ yɛte ara ne no. Yɛyɛ nkokoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase;

4Efe 1.10 na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,

5Gal 3.13; 3.26 sɛ ommegye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔagye yɛn ayɛ mma.

6Rom 8.15 Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!

7Gal 3.29; Rom 8.16-17 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Onyankopɔn so yɛ ɔdedifo nso bi.

Aniani som yɛ ɔkwa

8Nanso bere a munnim Nyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.

9Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio?

10Rom 14.5; Kol 2.16 Mubu nna ne asram ne mmere ne mfe.

112 Yoh 8 Misuro wɔ mo ho sɛ ebia mahaw me ho mama mo kwa.

Galatifo da bi hɔ dɔ

12 2 Ko 2.5 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, efisɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara;

131 Ko 2.3; Aso 16.6 nso munim sɛ ɔhonam mmerɛwyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kan no,

14na nea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyi, na mmom mugyee me sɛ Onyankopɔn bɔfo, Yiw, sɛ Kristo Yesu ankasa ara.

15Na afei mo ahosɛpɛw no wɔ he? Efisɛ midi mo adanse sɛ, sɛ ebetumi a, anka mututuu mo ani maa me.

16Amos 5.10 Na sɛ meka nokware mekyerɛ mo nti, madan mo tamfo anaa?

Paulo hwehwɛ Galatifo yiyedi

17 Gal 1.7 Ayɛ sɛnea ebinom pɛ mo yiyedi ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wosiw mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom.

18Nanso eye sɛ anka wɔbɔ mo yiyedi ho mmɔden daa na ɛnyɛ bere a me ne mo wɔ hɔ nko.

191 Ko 4.15Ao, me mma nkumaa a mereko mo awo bio kosi sɛ wobewie Kristo suyɛ wɔ mo mu,

20anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seisei, na mesakra me nne, efisɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.

Akoa Ismael ne ɔdehye Isak

21 Gal 4.9; 3.23 Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara ase, monka nkyerɛ me: Monte nea mmara no se anaa?

22Gye 16.15; 21.2 Na wɔakyerɛw sɛ na Abraham wɔ mmabanin baanu, obiako yɛ afenaa ba, na obiako yɛ ɔdehye ba.

23Rom 9.7-9 Na nea ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no ɔhonam kwan so, na ɔdehye ba no de, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.

24Gal 5.1; Rom 8.15 Saa ade yi yɛ mfatoho, efisɛ wɔn baanu yi yɛ apam abien; obiako fi Sinai bepɔw so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɛne Hagar.

25Na Hagar yɛ Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ yi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.

26Heb 12.22 Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.

27Yes 54.1 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ:

Wo obonin a wonwo, ma w’ani nnye;

wo a wonko awo, di ahurusi teɛm!

Efisɛ nea onni bi no

mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu no de.

Monhwɛ mo adehyedi so yiye!

28 Gal 4.23 Na yɛn de, anuanom, sɛnea Isak te no, yɛyɛ bɔhyɛ mma.

29Gye 21.9 Na sɛnea saa bere no nea wɔwoo no ɔhonam kwan so no taa nea wɔwoo no honhom kwan so no, saa ara na ɛte nnɛ ara ne no.

30Gye 21.10; 21.12 Nanso kyerɛw no se dɛn? Pam afenaa no ne ne ba; efisɛ afenaa ba no ne ɔdehye ba no renni ade.

31Gal 3.29 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehye mma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help